Nnwom
ל [Lamed]
10 O Yehowa, adɛn nti na wugyina akyirikyiri?
Adɛn nti na edu ahohia bere a, wode wo ho hintaw?+
2 Ɔdebɔneyɛfo yɛ ahantan, enti ɔtaataa mmɔborɔwa;+
Nanso nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, ɔno ara na ebesum no afiri ayi no.+
3 Ɔdebɔneyɛfo de n’ankasa* akɔnnɔ bɔne hoahoa ne ho,+
Na ohyira odifudepɛfo;*
נ [Nun]
Obu Yehowa animtiaa.
4 Ɔdebɔneyɛfo ahomaso nti, ɔnhwehwɛ Onyankopɔn;
Ne tirim adwene nyinaa ne sɛ: “Onyankopɔn biara nni hɔ.”+
Nanso w’atemmusɛm boro ne ntease so;+
Wɔn a wɔtan no nyinaa ho yɛ no serew.
6 Ɔka wɔ ne komam sɛ: “Merenhinhim da;
Awo ntoatoaso kɔ ma awo ntoatoaso ba mpo a,
Mmusu remma me so da.”+
פ [Pe]
ע [Ayin]
N’ani sa obi a ɔmpɛ ne ho asɛm.+
9 Ohintaw te sɛ gyata a ɔtɛw ne hintabea.*+
Ɔretwɛn atow ahyɛ mmɔborɔwa so akyere no.
Ɔtwetwe n’atena de kyere mmɔborɔwa kɔ.+
11 Ɔka wɔ ne komam sɛ: “Onyankopɔn werɛ afi.+
Wayi n’ani ato nkyɛn.
Onhu nea ɛrekɔ so.”+
ק [Qoph]
12 O Yehowa, sɔre.+ Onyankopɔn, ma wo nsa so ɛ.+
Mma wo werɛ mmfi mmɔborɔwa.+
13 Adɛn nti na ɔdebɔneyɛfo bu Onyankopɔn animtiaa?
Ɔka wɔ ne komam sɛ: “Woremmu me atɛn.”
ר [Resh]
14 Nanso w’ani tua ɔhaw ne ateetee.
Wuhu, na woyɛ ho biribi.+
ש [Shin]
Amanaman no ayera afi asaase so.+
ת [Taw]