Nnwom
Wɔde ma dwom kyerɛfo sɛ wɔmfa asanku nto. Dawid dwom.
4 O me trenee Nyankopɔn,+ mefrɛ wo a, gye me so.
Sɛ mekɔ ahohia mu a, ma minnya me ho ntetew.*
Hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ.
2 Nnipa mma, mubebu m’anuonyam animtiaa akosi da bɛn?
Mobɛdɔ adehunu akosi da bɛn? Mubedi atoro akyi akosi da bɛn? (Sela)
4 Mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne.+
Monka mo asɛm mo koma mu wɔ mo mpa so, na monyɛ komm. (Sela)
6 Nnipa pii rekeka sɛ: “Hena na ɔbɛma yɛahu adepa?”
O Yehowa, ma w’anim hann nhyerɛn yɛn so.+