Dwom a Wɔde Foro Bepɔw No.
128 Anigye ne obiara a osuro Yehowa,+
Na ɔnantew n’akwan so.+
2 Wubedi nea woabrɛ anya.
W’ani begye, na ebesi wo yiye.+
3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow aba wɔ wo fi.+
Wo mma bɛtenatena wo pon ho ahyia te sɛ ngodua nketewa a ayɛ fɛ.
4 Hwɛ! Saa na wobehyira ɔbarima a
Osuro Yehowa.+
5 Yehowa befi Sion ahyira wo.
Fa w’ani hu sɛnea ebesi Yerusalem yiye wo nkwa nna nyinaa,+
6 Na hu wo mma mma.
Asomdwoe nka Israel.