Ester
5 Ɛda a ɛto so abiɛsa no,+ Ester hyɛɛ n’ahemmaa ataade na okogyinaa ahemfi no adiwo, baabi a ɛne ɔhene fi no di nhwɛanim no. Saa bere no, na ɔhene no te n’ahengua so wɔ ɔhene fi hɔ, na na n’ani kyerɛ ɔpon no ano. 2 Bere a ɔhene no huu Ɔhemmaa Ester sɛ ogyina adiwo hɔ ara pɛ, onyaa ɔhene anim anuonyam, enti ɔhene no de sika kɔkɔɔ poma a okura no kyerɛɛ Ester so.+ Ɛnna Ester twiw bɛnee, na ɔde ne nsa kaa poma no ti.
3 Na ɔhene no bisaa no sɛ: “Ɛyɛ asɛm bɛn, Ɔhemmaa Ester? Ɛdɛn na menyɛ mma wo? Sɛ m’ahenni no fã mpo na wopɛ a, mede bɛma wo!” 4 Ɛnna Ester kae sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye ama ɔhene a, anka ɔhene ne Haman+ mmra ɔpon a meretow ama wo nnɛ no ase.” 5 Enti ɔhene ka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: “Monka nkyerɛ Haman sɛ ɔmmra seesei ara sɛnea Ester aka no.” Na ɔhene ne Haman kɔɔ ɔpon a Ester atow no ase.
6 Bere a wɔwɔ nsã apontow no ase no, ɔhene no bisaa Ester sɛ: “Ɛdɛn na wopɛ? Mɛyɛ ama wo! Ɛdɛn na menyɛ mma wo? Sɛ m’ahenni fã mpo na wopɛ a, mede bɛma wo!”+ 7 Ɛnna Ester kae sɛ: “M’adesrɛ ne m’abisade ne sɛ, 8 Sɛ manya ɔhene anim anuonyam, na sɛ ɛbɛyɛ yiye ama ɔhene sɛ ɔbɛyɛ m’adesrɛ ne m’abisade ama me a, anka ɔhene ne Haman mmra ɔpon a mɛtow ama wɔn ɔkyena no ase, na ɔkyena mede m’abisade no bɛto ɔhene anim.”
9 Saa da no, Haman de anigye na epuei, na na ne koma atɔ ne yam. Nanso bere a Haman huu Mordekai wɔ ɔhene pon ano hɔ, a ohui sɛ Mordekai ansɔre na ne ho ampopo wɔ n’anim no, Haman bo fuw Mordekai.+ 10 Nanso Haman hyɛɛ ne ho so, na ɔkɔɔ ne fi. Afei ɔsoma kɔfrɛɛ ne nnamfo ne ne yere Seres+ bae. 11 Na Haman dwaa n’anom kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa n’anuonyam ne n’ahode ne ne mma dodow+ ne sɛnea ɔhene abɔ n’aba so, ne sɛnea ɔhene ama no so asen abirɛmpɔn ne ɔhene nkoa a aka no+ kyerɛɛ wɔn.
12 Haman toaa so kae sɛ: “Ɛnyɛ ɛno nko ara oo; Ɔhemmaa Ester too pon, na me nko ara na ɔfrɛɛ me kaa ɔhene ho kɔɔ ase.+ Ɔkyena koraa, wasan afrɛ me sɛ memmɛka ɔne ɔhene ho.+ 13 Nanso eyinom nyinaa mma me koma ntɔ me yam bere a m’ani da so tua Yudani Mordekai sɛ ɔte ɔhene pon ano no.” 14 Ɛnna ne yere Seres ne ne nnamfo no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma wɔmpɛ dua a ne tenten yɛ basafa 50* nsi hɔ. Na anɔpa ka kyerɛ ɔhene ma wɔnsɛn Mordekai wɔ so.+ Afei wo ne ɔhene nkɔ, na munkogye mo ani wɔ apontow no ase.” Asɛm no yɛɛ Haman dɛ, enti ɔma wɔde dua no sii hɔ.