Hiob
29 Ɛnna Hiob toaa n’asɛm* no so sɛ:
2 “Minyae a anka abosome a atwam no asan aba,
Nna a na Onyankopɔn hwɛ me so no.
3 Saa bere no, ɔmaa ne kanea hyerɛn me ti so,
Na mede ne hann nantew sum mu.+
4 Saa bere no, na migyina me nan so,
Na na Onyankopɔn ayɔnkofa wɔ me ntamadan mu.+
5 Saa bere no, na ade nyinaa so Tumfo no ka me ho,
Na na me mma* nyinaa atwa me ho ahyia.
6 Saa bere no, na bɔta abu me so,
Na na ngo hwie sɛ asubɔnten fi abotan mu ma me.+
7 Saa bere no, na mekɔ kurow pon no ano,+
Na na metena baguam.+
8 Saa bere no, mmerante hu me a, na wogyina nkyɛn,*
Na nkwakoraa mpo, na wɔsɔre gyina hɔ.+
9 Abirɛmpɔn gyaee kasa;
Wɔde wɔn nsa too wɔn ano.
11 Obiara a ɔtee me ho asɛm no kaa me ho asɛm pa;
Na obiara a ohuu me biara dii me ho adanse.
15 Mebɛyɛɛ ani maa anifuraefo,
Na meyɛɛ nan maa apakye.
19 Me ntini bɛtrɛtrɛw akɔ nsu mu,
Na obosu begu me nkorabata so anadwo mu nyinaa.
20 M’anuonyam yɛ foforo daa,
Na agyan a ɛwɔ me nsam no, mɛtow no ntoatoaso.’