Nnwom
Wɔde ma dwom kyerɛfo; Yedutan*+ de. Dawid dwom.
Sɛ ɔdebɔneyɛfo bi wɔ baabi a mewɔ a,
Mede ade bɛhyɛ m’ano.”+
3 Ɛyɛɛ sɛnea me koma da ogya mu;*
Sɛ midwen ho* a, ogya no dɛw kɛse.
Ɛnna me tɛkrɛma kae sɛ:
4 “O Yehowa, ma minhu sɛnea m’awiei bɛyɛ,
Na minhu me nna a aka,+
Sɛnea ɛbɛyɛ a mehu sɛ me nkwa nna yɛ tiaa.*
Ampa, yehu onipa a ɛte sɛ nea ɛrekɔ yiye ma no mpo a, ɔte sɛ hwenem mframa kɛkɛ.+ (Sela)
6 Ampa, onipa biara nam sɛ sunsuma.
Ɔpere ne ho* kwa.
Ɔboaboa ahode ano, nanso onnim nea ɛbɛkɔ akodi ne nsam.+
7 O Yehowa, afei dɛn ne m’anidaso?
M’anidaso ara ne wo.
8 Gye me fi me mmarato nyinaa mu.+
Mma ɔkwasea mmmu me animtiaa.
10 Ɔhaw a wode aba me so no, yi fi me so.
Wo nsa a wode abɔ me nti, mayɛ mmerɛw.
11 Onipa mfomso nti, wotwe n’aso de teɛteɛ no;+
Sɛnea nwewemmoa sɛe ade no, saa ara na wobɛyɛ n’agyapade.
Ampa, onipa biara te sɛ hwenem mframa kɛkɛ.+ (Sela)
Mmu w’ani ngu me nisu so,
13 W’ani si me so dodo; yi fi me so ma m’ani nnye,
Ansa na mawu a wonhu me bio.”