9 Nyansa asi ne fi;
Wasen n’adum ason.
2 Wayɛ ne nam ho adwuma nyinaa awie;
Wafra ne nsã;
Afei nso, wahyehyɛ ne pon no so awie.
3 Wasoma ne mmaawa sɛ
Wonkogyina baabi a ɛwɔ soro wɔ kurow no mu, na wɔnteɛm sɛ:+
4 “Nea wagyimi biara, ma ɔmmra ha.”
Ɔka kyerɛ nea onnim nyansa sɛ:
5 “Mommra, mummedi m’aduan,
Na monnom nsã a mafra no bi.
6 Munnyae mo agyimisɛm no, na munnya nkwa;+
Monnantew ntease kwan no so nkɔ mo anim.”+
7 Nea ɔteɛ ɔfɛwdifo so no, ɔfrɛfrɛ animguase,+
Na obiara a ɔkasa kyerɛ ɔbɔnefo no, obepira.
8 Nkasa nkyerɛ ɔfɛwdifo,
na ɔbɛtan wo.+
Kasa kyerɛ onyansafo,
na ɔbɛdɔ wo.+
9 Tu onyansafo fo, na ne nyansa bɛdɔɔso.+
Kyerɛkyerɛ ɔtreneeni,
na obesua ade pii.
10 Yehowa suro ne nyansa mfiase,+
Na Ɔkronkronni+ no ho nimdeɛ ne ntease.
11 Me na mɛma wo nna ayɛ bebree,+
Na mfe a wode bɛtena nkwa mu no adɔɔso.
12 Sɛ wuhu nyansa a, wo ara na nyansa no bɛboa wo,
Na sɛ wudi fɛw a, wo nko ara na wobɛsoa.
13 Ɔbea kwasea kasa dodo.+
Ne ti awu; onnim hwee.
14 Ɔte ne fi kwan ano,
Ɔte akongua so wɔ baabi a ɛwɔ soro wɔ kurow no mu,+
15 Ɔteɛm frɛ wɔn a wɔretwam,
Wɔn a wɔnam wɔn kwan so tẽẽ no sɛ:
16 “Nea wagyimi biara, ma ɔmmra ha.”
Ɔka kyerɛ wɔn a wonnim nyansa sɛ:+
17 “Nsu a wɔawia yɛ dɛ,
Na aduan a wodi no ahintawee mu yɛ dɛ.”+
18 Nanso wonnim sɛ awufo wɔ hɔ, wɔn a wontumi nyɛ hwee no,
Na Ɔdamoa mu tɔnn na wɔn a wɔkɔ ne nkyɛn no wɔ.+