Nnwom
Wɔde ma dwom kyerɛfo. Maskil.* Edomni Doeg kɔka kyerɛɛ Saul sɛ Dawid wɔ Ahimelek fi; ɛno akyi na Dawid kyerɛw dwom yi.+
52 Otumfo, adɛn nti na wode wo bɔne hoahoa wo ho?+
Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ no wɔ hɔ daa nyinaa.+
3 Wodɔ bɔne sen papa,
Na wodɔ nkontompo sen sɛ wobɛka nsɛm a ɛteɛ. (Sela)
4 O tɛkrɛma a woyɛ okontomponi;
W’ani gye asɛm biara a epira ho.
5 Ɛno nti Onyankopɔn bɛma woahwe ase;+
Ɔbɛtwe wo, na watu wo afi wo ntamadan mu;+
Obetu w’ase afi ateasefo asaase so.+ (Sela)
7 “Oyi ne ɔbarima a wamfa Onyankopɔn anyɛ ne guankɔbea* no,+
Mmom, ɔde ne ho too n’ahonyade bebrebe no so,+
Na ɔde ne ho too pɔw bɔne a n’ankasa bɔe so.”*