Nnwom
NHOMA A ƐTO SO ABIEN
(Dwom 42-72)
Wɔde ma dwom kyerɛfo. Kora mma dwom. Maskil.*+
2 Onyankopɔn a ɔyɛ Onyankopɔn teasefo no ho sukɔm de me.*+
Da bɛn na mɛkɔ akogyina Onyankopɔn anim?+
4 Sɛ mekae saa nneɛma yi a, mihwie me koma mu nsɛm gu hɔ.*
Efisɛ bere bi me ne nnipadɔm no boom nantewee;
Midii wɔn anim ne wɔn nantew komm* kɔɔ Onyankopɔn fi.
Yɛde ahurusi ne aseda nne na ɛkɔe
Sɛ nnipakuw a wɔrehyɛ fã.+
Adɛn nti na mahaw saa?
7 Wo nsu a ebu fa so nnyigyei nti,
Asorɔkye ma so a, na asorɔkye agye so.
W’asorɔkye akɛse no nyinaa abu afa me so.+
8 Yehowa bɛda ne dɔ a enni huammɔ adi akyerɛ me adekyee,
Na mɛto ne dwom anadwo; ɛyɛ mpae a mɛbɔ me nkwagye Nyankopɔn no.+
9 Mebisa Onyankopɔn, me botan no sɛ:
“Adɛn nti na wo werɛ afi me?+
Adɛn na atamfo nhyɛso nti mede awerɛhow nenam?”+
Adɛn nti na mahaw saa?