Yeremia
5 Munkyin Yerusalem mmorɔn so.
Montoto mo ani, na monhwɛ.
Monhwehwɛ ne mmɔnten so nhwɛ sɛ
Mubehu onipa bi a obu atɛntrenee,+
A ɔyere ne ho sɛ obedi nokware anaa.
Anka mede kurow no ho bɛkyɛ no.
2 Sɛ wɔka sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi!” mpo a,
Ɛyɛ ntam hunu na wɔka.+
3 O Yehowa, ɛnyɛ nokwaredi na wode w’ani rehwehwɛ anaa?+
Wobɔɔ wɔn, nanso antumi wɔn.*
Wotɔree wɔn ase, nanso wɔpoo nteɛso.+
4 Na meka kyerɛɛ me ho sɛ: “Eyinom yɛ nnipa a wonnim hwee.
Wodi nkwaseasɛm, efisɛ wonnim Yehowa kwan,
Na wonnim wɔn Nyankopɔn atemmu.
5 Mesim akɔ atitiriw no nkyɛn na me ne wɔn akɔkasa,
Efisɛ wɔn de, sɛnea ɛte biara wonim Yehowa kwan,
Na wonim wɔn Nyankopɔn atemmu.+
Nanso sɛɛ na wɔn nyinaa abubu kɔndua no;
Na wɔatetew nhama no mu.”
Obiara a opue fi nkurow no mu no, ɔtetew no pasaa.
Efisɛ wɔn bɔne dɔɔso;
Wɔn mmarato nni ano.+
7 Ɛbɛyɛ dɛn na mede eyi akyɛ wo?
Wo mma agyaw me hɔ,
Na nea ɛnyɛ Onyankopɔn na wɔde ka ntam.+
Nea wohia biara mede maa wɔn,
Nanso wɔkɔɔ so sɛee aware,
Na wɔboom yuu kɔɔ tuutuuni fi.
9 “Nea wɔayɛ yi, ɛnsɛ sɛ mitua wɔn so ka anaa?” Yehowa asɛm ni.
“Ɔman a ɛte saa no, ɛnsɛ sɛ meyɛ* wɔn bi tua ka anaa?”+
Muntwitwa ne mmaa a ɛrefefɛw na ɛretrɛtrɛw no,
Efisɛ ɛnyɛ Yehowa dea.
Mmusu biara remma yɛn so;
Sekan remma yɛn so, na yɛrenhu kɔm.’+
Ma eyi mmra wɔn so!”
14 Enti nea asafo Yehowa Nyankopɔn aka ni:
“Esiane nea nnipa yi reka nti,
Hwɛ, mɛma m’asɛm ayɛ ogya wɔ w’anom,+
Na ɔman yi ayɛ anyina,
Na ɛbɛhyew wɔn.”+
15 “O Israel fi,+ hwɛ, mede ɔman bi fi akyirikyiri reba mo so,” Yehowa asɛm ni.
“Ɛyɛ ɔman a akyɛ,
16 Wɔn agyan kotoku te sɛ ɔdamoa a wɔnkataa so;
Wɔn nyinaa nim akodi yiye.
17 Wobedi wo nnɔbae ne w’aduan.+
Wobekunkum wo mma mmarima ne wo mma mmea.
Wɔbɛwe wo nguan ne w’anantwi.
Wɔbɛsɛe wo bobe ne wo borɔdɔma nnua.
Wɔde sekan bɛsɛe wo nkurow a wɔabɔ ho ban a wode wo ho ato so no.”
18 “Nanso saa bere no mpo,” Yehowa asɛm ni, “merensɛe mo pasaa.+ 19 Na sɛ wobisa sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa yɛn Nyankopɔn ama eyi nyinaa ato yɛn?’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛnea mugyaw me hɔ kɔsom ananafo nyame wɔ mo asaase so no, saa ara na mobɛsom ananafo wɔ asaase a ɛnyɛ mo de so.’”+
20 Monka eyi wɔ Yakob fi,
Na mommɔ no dawuru wɔ Yuda sɛ:
21 “Ɔman nkwaseafo a munnim nyansa,* muntie eyi:+
22 ‘Enti munsuro me?’ Yehowa asɛm ni,
‘Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ m’anim anaa?
Me na mede anwea twaa ɛpo ano hye,
Na mede yɛɛ daa ahyɛde a ɛrentumi ntra.
Sɛ n’asorɔkye bɔ mpo a, ɛrentumi ntwiw mfa so;
Na sɛ ehuru sɛ dɛn mpo a, ɛrentumi ntra.+
24 Wɔnka wɔ wɔn komam sɛ:
“Afei de, momma yensuro Yehowa yɛn Nyankopɔn,
Nea ɔma osu tɔ wɔ ne bere mu,
Osutɔbere mu osu* ne fefɛw bere mu osu,*
Nea ɔhwɛ ma yenya nnawɔtwe a yetwa nnɔbae wom no.”+
26 Efisɛ abɔnefo wɔ me nkurɔfo mu.
Wɔtetɛw daa sɛnea nnomaayifo kotokotow no.
Wosum afiri a edi awu.
Nnipa na wɔde yi wɔn.
Ɛno nti na wɔanya tumi na wɔanya wɔn ho no.
28 Wɔadodɔ srade, na wɔayeyɛ nomenome.
Bɔne adonnɔn wɔn.
29 “Nea wɔayɛ yi, ɛnsɛ sɛ mitua wɔn so ka anaa?” Yehowa asɛm ni.
“Ɔman a ɛte saa no, ɛnsɛ sɛ meyɛ* wɔn bi tua ka anaa?”
30 Biribi a ɛyɛ asefem na ani yɛ nyan asi wɔ asaase no so:
Me man nso pɛ no saa.+
Nanso sɛ awiei no ba a, dɛn na mobɛyɛ?”