7 “Onipa dasani asetena wɔ asaase so yɛ nkoasom,
Na ne nna te sɛ ɔpaani nna, ɛnte saa?+
2 Ɔte sɛ akoa; onyae a anka onwini aba.
Ɔte sɛ ɔpaani; ɔhwɛ n’akatua kwan denneennen.+
3 Saa ara na me nso, abosome hunu na wɔde ama me,
Anadwo a ɔhaw ahyɛ no ma na wɔde ama me.+
4 Sɛ mekɔda a, mibisa sɛ, ‘Da bɛn na mɛsɔre?’+
Mekɔda a, anadwo no nyinaa mintumi nna; mepere ara kosi ahemanakye.
5 Me honam nyinaa adɔre mmoawa, na dɔte atɔwatɔw ayɛ me ho nyinaa;+
Kurodoso ayɛ me honam nyinaa, na ɛrefi nsu.+
6 Me nna kɔ ntɛmntɛm sen sɛnea ntamanwemfo nsa di akɔneaba no;+
Ɛba awiei, na minni anidaso biara.+
7 Kae sɛ me nkwa yɛ mframa,+
Na kae sɛ m’ani rennye bio da.
8 Ani a ehu me nnɛ yi, ɛrenhu me bio;
W’ani bɛhwehwɛ me, nanso na mekɔ.+
9 Sɛnea omununkum hwete na ɛyera no,
Saa ara na nea osian kɔ Ɔdamoa mu no rensan mfi hɔ mma bio.+
10 Ɔrensan mma ne fi bio,
Na ne tenabea renhu no bio.+
11 Enti merenka m’ano ntom.
M’ahoyeraw mu na mɛkasa;
M’amanehunu mu na mɛka m’asɛm!+
12 Adɛn, meyɛ ɛpo anaa ɛpo mu aboa kɛse
Na woagye me ho ban?
13 Sɛ meka sɛ, ‘Me mpa bɛkyekye me werɛ;
Me kɛtɛ bɛtew m’awerɛhow so’ a,
14 Ɛno koraa na woma meso dae huhuuhu,
Na wode anisoadehu hunahuna me.
15 Enti minyae a, anka matua ahome,
Yiw, mepɛ owu mmom sen me nipadua yi.+
16 Me nkwa afono me;+ mempɛ sɛ mekɔ so tena ase bio.
Gyaa me, na me nna te sɛ hwenem mframa.+
17 Onipa dasani ne hena a wudwen ne ho
Na wode w’ani di n’akyi?+
18 Adɛn nti na wode w’ani si no so anɔpa biara
Na wosɔ no hwɛ bere nyinaa?+
19 Adɛn nti na wunyi w’ani mfi me so
Na wunnyaa me mma memmene ntasu mpo?+
20 Sɛ mayɛ bɔne mpo a, ɛdɛn na ebetumi ayɛ wo, wo a w’ani di nnipa akyi?+
Adɛn nti na woatu w’ani asi me so saa?
Adɛn, mayɛ adesoa ama wo anaa?
21 Adɛn nti na womfa me bɔne nkyɛ me
Na wummu w’ani ngu me mfomso so?
Efisɛ ɛrenkyɛ na makɔda wɔ dɔte mu;+
Wobɛhwehwɛ me, nanso na mekɔ.”