Hiob
11 Ɛnna Sofar+ a ofi Naama no kae sɛ:
3 Wugye di sɛ wo kasa hunu yi bɛma nnipa aka wɔn ano atom anaa?
Nsɛm a woreka twiw yɛn no, ɛyɛ wo sɛ obiara renka w’anim wɔ ho anaa?+
6 Anka ɔbɛka nea ɛbɛma woahu nyansa akyerɛ wo,
Efisɛ nyansa ho nneɛma dɔɔso.
Ɛhɔ na wubehu sɛ Onyankopɔn abu n’ani agu wo mfomso no bi so.
7 Wubetumi ahu Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no anaa?
Anaa wubetumi ahu ade nyinaa so Tumfo no ho biribiara?*
8 Ɛkorɔn sen ɔsoro. Ɛdɛn na wubetumi ayɛ?
Emu dɔ sen Ɔdamoa.* Ɛdɛn na wubetumi ahu?
9 Ɛware sen asaase,
Na ɛtrɛw sen ɛpo.
10 Sɛ ɔretwam na ɔkyere obi, na ɔde no kɔ asɛnnibea a,
Hena na obetumi asiw no kwan?
11 Efisɛ sɛ mmarima redaadaa nkurɔfo a, ohu.
Sɛ ohu adebɔne a, ɔrenhu anaa?
13 Wo de, yɛ wo koma yiye
Na trɛw wo nsam kyerɛ no;
15 Ɛba saa a, wubetumi ama w’ani so a woremfɛre;
Na wubegyina pintinn a worensuro.
16 Ɛbɛma wo werɛ afi wo haw;
Wobɛkae no sɛ nsu a abɛsen kɔ.
17 Wo nkwa bɛhyerɛn asen sɛnea owia hyerɛn awia ketee;
Na ne sum mpo bɛyɛ sɛ adekyee.
18 Wubenya awerɛhyem efisɛ anidaso wɔ hɔ.
Wobɛhwɛ wo ho nneɛma ahyia, na wobɛda dwoodwoo.
19 Wobɛda, na obiara renhunahuna wo.
Na nnipa bebree bɛba wo nkyɛn sɛ yɛ wɔn adom.