Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Beresosɛm 11
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Israel nyinaa sraa Dawid sii no hene (1-3)

      • Dawid ko faa Sion (4-9)

      • Dawid akatakyi (10-47)

1 Beresosɛm 11:1

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “mogya koro.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 13:22; 2Sa 2:1; 5:5; 1Be 12:23
  • +2Sa 5:1, 2

1 Beresosɛm 11:2

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “de wɔn kɔ na wode wɔn ba.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 18:6, 13
  • +2Sa 6:21; 7:8, 9; Dw 78:70, 71

1 Beresosɛm 11:3

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 16:13; 2Sa 2:4; 5:3
  • +1Sa 15:27, 28

1 Beresosɛm 11:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 15:63; Ate 1:21; 19:10
  • +Ge 10:15, 16; 15:18, 21; Ex 3:17

1 Beresosɛm 11:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 5:6-10
  • +1Ah 8:1; Dw 2:6; 48:2
  • +1Ah 2:10

1 Beresosɛm 11:6

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “ti.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 2:18

1 Beresosɛm 11:8

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “Milo.” Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “baabi a ɛhɔ apagyaw.”

1 Beresosɛm 11:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 3:1

1 Beresosɛm 11:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 16:12, 13

1 Beresosɛm 11:11

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 27:1, 2
  • +2Sa 23:8
  • +Yos 23:10

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    10/1/2005, kr. 10

1 Beresosɛm 11:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 8:1, 4
  • +2Sa 23:9, 10, 15-17

1 Beresosɛm 11:13

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 17:1

1 Beresosɛm 11:14

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wonyaa nkwagye.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 18:50

1 Beresosɛm 11:15

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “Asaasetraa no so.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 22:1
  • +Yos 15:8, 12; 2Sa 23:13-17

1 Beresosɛm 11:17

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 20:6

1 Beresosɛm 11:18

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    11/15/2012, kr. 6

1 Beresosɛm 11:19

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wɔn kra.”

  • *

    Anaa “wɔn kra.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 9:4; Le 17:10

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    11/15/2012, kr. 6

1 Beresosɛm 11:20

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 3:30
  • +1Sa 26:6; 2Sa 2:18; 18:2
  • +2Sa 23:18, 19

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    10/1/2005, kr. 10

1 Beresosɛm 11:21

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    10/1/2005, kr. 10

1 Beresosɛm 11:22

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “ɔbarima ba.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 4:4; 1Be 27:1, 5
  • +Yos 15:21
  • +Ate 14:5, 6; 1Sa 17:36, 37; 2Sa 23:20-23

1 Beresosɛm 11:23

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Ne tenten bɛyɛ mita 2.23 (anm. 7.3). Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 17:4
  • +1Sa 17:7
  • +1Sa 17:51

1 Beresosɛm 11:25

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 11:19

1 Beresosɛm 11:26

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 2:18, 23; 1Be 27:1, 7
  • +2Sa 23:24-39

1 Beresosɛm 11:28

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 27:1, 9
  • +1Be 27:1, 12

1 Beresosɛm 11:29

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 21:18; 1Be 27:1, 11

1 Beresosɛm 11:30

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 27:1, 13
  • +1Be 27:1, 15

1 Beresosɛm 11:31

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:15; 1Be 12:1, 2

1 Beresosɛm 11:32

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 24:30

1 Beresosɛm 11:41

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 11:3, 17; 12:9; 1Ah 15:5

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Be. 11:1Nu 13:22; 2Sa 2:1; 5:5; 1Be 12:23
1 Be. 11:12Sa 5:1, 2
1 Be. 11:21Sa 18:6, 13
1 Be. 11:22Sa 6:21; 7:8, 9; Dw 78:70, 71
1 Be. 11:31Sa 16:13; 2Sa 2:4; 5:3
1 Be. 11:31Sa 15:27, 28
1 Be. 11:4Yos 15:63; Ate 1:21; 19:10
1 Be. 11:4Ge 10:15, 16; 15:18, 21; Ex 3:17
1 Be. 11:52Sa 5:6-10
1 Be. 11:51Ah 8:1; Dw 2:6; 48:2
1 Be. 11:51Ah 2:10
1 Be. 11:62Sa 2:18
1 Be. 11:92Sa 3:1
1 Be. 11:101Sa 16:12, 13
1 Be. 11:111Be 27:1, 2
1 Be. 11:112Sa 23:8
1 Be. 11:11Yos 23:10
1 Be. 11:121Be 8:1, 4
1 Be. 11:122Sa 23:9, 10, 15-17
1 Be. 11:131Sa 17:1
1 Be. 11:14Dw 18:50
1 Be. 11:151Sa 22:1
1 Be. 11:15Yos 15:8, 12; 2Sa 23:13-17
1 Be. 11:171Sa 20:6
1 Be. 11:19Ge 9:4; Le 17:10
1 Be. 11:202Sa 3:30
1 Be. 11:201Sa 26:6; 2Sa 2:18; 18:2
1 Be. 11:202Sa 23:18, 19
1 Be. 11:221Ah 4:4; 1Be 27:1, 5
1 Be. 11:22Yos 15:21
1 Be. 11:22Ate 14:5, 6; 1Sa 17:36, 37; 2Sa 23:20-23
1 Be. 11:231Sa 17:4
1 Be. 11:231Sa 17:7
1 Be. 11:231Sa 17:51
1 Be. 11:251Be 11:19
1 Be. 11:262Sa 2:18, 23; 1Be 27:1, 7
1 Be. 11:262Sa 23:24-39
1 Be. 11:281Be 27:1, 9
1 Be. 11:281Be 27:1, 12
1 Be. 11:292Sa 21:18; 1Be 27:1, 11
1 Be. 11:301Be 27:1, 13
1 Be. 11:301Be 27:1, 15
1 Be. 11:31Ate 20:15; 1Be 12:1, 2
1 Be. 11:32Yos 24:30
1 Be. 11:412Sa 11:3, 17; 12:9; 1Ah 15:5
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
  • 41
  • 42
  • 43
  • 44
  • 45
  • 46
  • 47
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
1 Beresosɛm 11:1-47

Beresosɛm Nhoma a Edi Kan

11 Akyiri yi, Israelfo nyinaa behyiaa Dawid wɔ Hebron+ bɛkae sɛ: “Hwɛ, yɛyɛ wo dompe ne wo honam.*+ 2 Efi tete a Saul di hene nyinaa, wo na na wudi Israel anim de wɔn kɔ ɔko;*+ ɛnna Yehowa wo Nyankopɔn ka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo na wubedi me man Israel anim.’”+ 3 Enti Israel mpanyimfo nyinaa baa ɔhene nkyɛn wɔ Hebron, na Dawid ne wɔn yɛɛ apam Yehowa anim wɔ Hebron. Ɛnna wɔsraa Dawid de no sii Israel so hene+ sɛnea Yehowa nam Samuel so kae no.+

4 Ɛno akyi no, Dawid ne Israel nyinaa siim kɔɔ Yerusalem, kyerɛ sɛ, Yebus;+ ɛhɔ na na Yebusifo+ no te. 5 Ɛnna nkurɔfo a wɔte Yebus no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Worentumi mma ha da!”+ Nanso, Dawid ko faa Sion abannennen+ a seesei wɔfrɛ hɔ Dawid Kurow+ no. 6 Ná Dawid aka sɛ: “Obiara a obedi kan akɔtow ahyɛ Yebusifo so no, ɔbɛyɛ ɔsahene* ne otitiriw.” Seruia ba Yoab+ na odii kan kɔe, enti ɔbɛyɛɛ ɔsahene. 7 Afei Dawid kɔtenaa abannennen no mu. Ɛno nti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid Kurow no. 8 Ofii ase sisii adan wɔ kurow no mu fi Esiw no* so de twaa ho hyiae, na Yoab nso siesiee mmeae a aka wɔ kurow no mu. 9 Enti Dawid kɔɔ so yɛɛ den,+ na asafo Yehowa dii n’akyi.

10 Eyinom ne Dawid akatakyi mu atitiriw. Wɔn na wɔne Israel nyinaa taa n’akyi denneennen wɔ n’ahenni mu; wosii no hene sɛnea Yehowa asɛm a ɔkae wɔ Israel ho no te.+ 11 Dawid akatakyi no din ni: Yasobeam+ a ɔyɛ Hakmoni aseni; ɔno ne baasa no so panyin.+ Ɔno na ogyinaa ne nan so de peaw kunkum nnipa 300 da koro.+ 12 Ahohi+ aseni Dodo ba Eleasar+ na odi hɔ. Ɔka akatakyi baasa no ho. 13 Ɔno na na ɔka Dawid ho wɔ Pas-Damim,+ faako a na Filistifo aboaboa wɔn ho ano rebedi ako no. Ná asaase bi da hɔ a baali* ayɛ so ma, na Filistifo no nti, na nkurɔfo no aguan afi hɔ. 14 Nanso ɔtew gyinaa asaase no mfinimfini kunkum Filistifo no de bɔɔ asaase no ho ban; Yehowa ma wodii nkonim* kɛse.+

15 Atitiriw 30 no mu baasa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Adulam ɔbodan+ no mu wɔ ɔbotan so, bere a na Filistifo no akɔsoɛ Refaim Bon+ no mu.* 16 Saa bere no, na Dawid wɔ abannennen no mu, na na Filistifo asraafodɔm nso wɔ Betlehem. 17 Ɛnna Dawid kae sɛ: “O minya Betlehem+ kurow pon ano abura mu nsu a, anka mɛnom!” 18 Ɛhɔ ara na baasa no de anuɔden bɔ wuraa Filistifo asoɛe no mu, na wɔkɔsaw Betlehem kurow pon ano abura mu nsu, na wɔde brɛɛ Dawid. Nanso Dawid annom, na mmom ohwie guu fam maa Yehowa. 19 Na ɔkae sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ me Nyankopɔn anim ayɛ saa! Mmarima a wɔde wɔn nkwa* too wɔn nsam yi mogya na mennom anaa?+ Wɔn nkwa* na wɔde too wɔn nsam kɔsaw bae.” Enti wannom. Eyi ne nea n’akatakyi baasa no yɛe.

20 Yoab+ nua Abisai+ nso, na ɔyɛ baasa foforo so panyin. Ɔno na ogyinaa ne nan so de peaw kunkum nnipa 300; ná wagye din te sɛ baasa no.+ 21 Baasa no mu no, ɔno na na wagye din kɛse, na na ɔno ne wɔn so panyin, nanso wanto baasa a wodi kan no.

22 Yehoiada ba Benaia+ yɛ ɔkokodurufo* a ɔyɛɛ nneɛma pii wɔ Kabseel.+ Okum Moabni Ariel mma mmarima baanu no, na da bi a na sukyerɛmma atɔ nso, osian kɔɔ abura mu kokum gyata bi.+ 23 Ɔno ara nso na okokum Egyptni ɔbran bi a ne tenten yɛ basafa anum*+ no. Ná Egyptni no kura peaw bi a ne kɛse te sɛ ntamanwemfo dua kɛse;+ nanso ɔde abaa kɔɔ Egyptni no so kohwim peaw no fii ne nsam, na ɔde peaw no kum no.+ 24 Saa nneɛma yi na Yehoiada ba Benaia yɛe, na ogyee din te sɛ akatakyi baasa no. 25 Ná wagye din sen aduasa no mpo, nanso wanto baasa a wodi kan no.+ Ne nyinaa akyi, Dawid de no sii n’awɛmfo so panyin.

26 Asraafo no mu akatakyi ni: Yoab nua Asahel,+ Betlehemni+ Dodo ba Elhanan, 27 Harorini Samot, Pelonni Heles, 28 Tekoani Ikes ba Ira,+ Anatotni Abiesar,+ 29 Husani Sibekai,+ Ahohini Ilai, 30 Netofani Maharai,+ Netofani Baanah ba Heled,+ 31 Ribai ba Yitai a ofi Benyaminfo+ kurow Gibea mu, Piratonni Benaia, 32 Hurai a ofi Gaase+ subon no mpɔtam hɔ, Arbatni Abiel, 33 Bahurimni Asmawet, Saalbonni Eliaba, 34 Gisonni Hasem mma, Hararini Sagee ba Yonatan, 35 Hararini Sakar ba Ahiam, Ur ba Elifal, 36 Mekeratni Hefer, Pelonni Ahiya, 37 Karmelni Hesro, Esbai ba Naarai, 38 Natan nua Yoel, Hagri ba Miba, 39 Ammonni Selek, Berotni Naharai a na okura Seruia ba Yoab akode; 40 Yitrini Ira, Yitrini Gareb, 41 Hitini Uria,+ Ahlai ba Sabad, 42 Rubenni Sisa ba Adina, Ruben abusuakuw mu panyin ne nnipa 30 a wɔka ne ho; 43 Maaka ba Hanan, Mitini Yosafat, 44 Astarotni Ussia, Aroerni Hotam mma Sama ne Yeiel; 45 Simri ba Yediael, ne ne nua Tisini Yoha, 46 Mahawini Eliel, Elnaam mma Yeribai ne Yosawia, ne Moabni Yitma; 47 Eliel, Obed, ne Mesobani Yaasiel.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena