71 O Yehowa, wo na mede wo ayɛ me guankɔbea.
Mma m’anim nngu ase da.+
2 Wo trenee nti twitwa gye me, na gye me nkwa.
Yɛ aso ma me na gye me.+
3 Bɛyɛ ɔbotantim ma me
Na daa manya baabi akɔtɛw.
Soma ma obi mmegye me nkwa,
Efisɛ wone me botan ne m’abannennen.+
4 O me Nyankopɔn, gye me fi ɔdebɔneyɛfo nsam,+
Gye me fi otirimɔdenfo sisifo nsam.
5 Efisɛ Awurade Tumfo Yehowa, wone m’anidaso;
Wo na mede me werɛ ahyɛ wo mu fi me mmofraase.+
6 Efi bere a wɔwoo me, wo na mede me ho ato wo so;
Wo na wuyii me fii me maame yam.+
Meyi wo ayɛ daa.
7 Me ho yɛ nnipa bebree nwonwa,
Nanso minim sɛ wone me guankɔbea.
8 W’ayeyi ahyɛ m’anom ma;+
Daa nyinaa meka w’anuonyam ho asɛm.
9 Ntow me nkyene me nkwakoraabere mu;+
Sɛ m’ahoɔden so huan a, nnyaw me.+
10 M’atamfo kasa tia me,
Na wɔn a wɔrepɛ me akum me no bom tu agyina.+
11 Wɔka sɛ: “Onyankopɔn agyaw no.
Muntiw no na monkyere no, efisɛ onni ogyefo.”+
12 O Onyankopɔn, mma wo ne me ntam nnware.
O me Nyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.+
13 Wɔn a wɔne me di asi no,
Ma wɔn ani nwu na wɔn ase nhyew.+
Wɔn a wɔpɛ me sɛe no,
Ma womfura aniwu ne animguase.+
14 Na me de, mɛtwɛn daa;
Ayeyi a mede ma wo no, mede bi bɛka ho.
15 M’ano bɛka wo trenee ho asɛm;+
Ɛbɛka wo nkwagye nnwuma ho asɛm daa nyinaa,
Ɛdɔɔso ara ma merentumi nkan.+
16 O Awurade Tumfo Yehowa,
Mɛkɔ akɔka wo tumi kɛse no ho asɛm,
Mɛka wo trenee ho asɛm; wo nkutoo de na mɛka ho asɛm.
17 O Onyankopɔn, woakyerɛkyerɛ me fi me mmofraase,+
Na maka w’anwonwadwuma ho asɛm+ de abesi nnɛ.
18 O Onyankopɔn, sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen mpo a, nnyaw me.+
Ma menka wo tumi ho asɛm nkyerɛ awo ntoatoaso,
Na menka wo kɛseyɛ ho asɛm nkyerɛ nkyirimma+ nyinaa.
19 O Onyankopɔn, wo trenee kodu sorosoro;+
Nneɛma akɛse na woayɛ;
O Onyankopɔn, hena koraa na ɔte sɛ wo?+
20 Woama mafa amanehunu ne ahohia mu,+
Nanso ma minnyina me nan so bio;
Ma me so fi bun mu.+
21 Ma m’anuonyam nyɛ kɛse,
Na bɛbɔ me ho ban na kyekye me werɛ.
22 Ɛno bɛma mede sanku ayi wo ayɛ,
O me Nyankopɔn, esiane wo nokwaredi nti.+
O Israel Kronkronni,
Mede sankuten bɛto nnwom ayi wo ayɛ.
23 M’ano bedi ahurusi na ato ayeyi nnwom ama wo,+
Efisɛ woagye me nkwa.+
24 Me tɛkrɛma bɛka wo trenee ho asɛm daa nyinaa,+
Efisɛ wɔn a wɔpɛ me sɛe no ani bewu, na wɔn anim agu ase.+