Nnwom
Wɔde ma dwom kyerɛfo. Kora mma dwom.+
47 Aman nyinaa, mommɔ mo nsam.
Momfa ahurusi mmɔ ose mma Onyankopɔn.
5 Nkurɔfo rebɔ ose na Onyankopɔn aforo kɔ ne tenabea;
Nkurɔfo rebɔ abɛn* na Yehowa aforo kɔ ne tenabea.
6 Monto ayeyi dwom* mma Onyankopɔn, monto ayeyi dwom.
Monto ayeyi dwom mma yɛn Hene, monto ayeyi dwom.
8 Onyankopɔn abɛyɛ Ɔhene wɔ amanaman no so.+
Onyankopɔn te n’ahengua kronkron so.
9 Aman no mpanyimfo aboaboa wɔn ho ano,
Wɔne Abraham Nyankopɔn man.
Efisɛ asaase so atumfo* nyinaa yɛ Onyankopɔn dea.
Wama ne ho so paa.+