Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase Exodus Mu Nsɛntitiriw EXODUS EMU NSƐNTITIRIW 1 Israelfo ase trɛwee wɔ Egypt (1-7) Farao hyɛɛ Israelfo so (8-14) Onyankopɔn ho suro nti, mmea a wogye awo no gyee mmofra nkwa (15-22) 2 Wɔwoo Mose (1-4) Farao babea faa Mose de no yɛɛ ne ba (5-10) Mose guan kɔɔ Midian, na ɔwaree Sipora (11-22) Onyankopɔn tee Israelfo no apinisi (23-25) 3 Mose huu nwura a ɛredɛw no (1-12) Yehowa kyerɛɛ ne din ase (13-15) Yehowa maa Mose akwankyerɛ (16-22) 4 Nsɛnkyerɛnne abiɛsa a ɔkae sɛ Mose nyɛ (1-9) Mose tee nka sɛ ɔmfata (10-17) Mose san kɔɔ Egypt (18-26) Mose ne Aaron san kohyiae (27-31) 5 Mose ne Aaron kɔɔ Farao anim (1-5) Nhyɛso no mu yɛɛ den (6-18) Israelfo no de ho sobo bɔɔ Mose ne Aaron (19-23) 6 Ɔsan hyɛɛ wɔn bɔ sɛ obegye wɔn (1-13) Ná wɔnte Yehowa din no ase papa (2, 3) Mose ne Aaron abusua santen (14-27) Ɔkae sɛ Mose nsan nkɔ Farao anim (28-30) 7 Yehowa hyɛɛ Mose den (1-7) Aaron poma dan ɔwɔ kɛse (8-13) Ɔhaw 1: nsu dan mogya (14-25) 8 Ɔhaw 2: mpɔtorɔ (1-15) Ɔhaw 3: ntummoa (16-19) Ɔhaw 4: ahurii (20-32) Ebi ankɔ Gosen asaase so (22, 23) 9 Ɔhaw 5: nyɛmmoa wuwui (1-7) Ɔhaw 6: mpɔmpɔ bobɔɔ nnipa ne mmoa (8-12) Ɔhaw 7: asukɔtweaa (13-35) Onyankopɔn bɛma Farao ahu ne tumi (16) Yehowa bɛma nkurɔfo abɔ ne din (16) 10 Ɔhaw 8: ntutummɛ (1-20) Ɔhaw 9: esum (21-29) 11 Ɔkae sɛ ɔhaw a ɛto so du bɛba (1-10) Ɔka kyerɛɛ Israelfo sɛ wommisa akyɛde (2) 12 Wofii ase dii Twam no (1-28) Wɔmfa mogya mfa apongua no ho (7)7) Ɔhaw 10: wokum abakan biara (29-32) Wɔn akwantu no mfiase (33-42) Mfe 430 no awiei (40, 41) Twam no ho ahyɛde (43-51) 13 Abakan biara a ɔyɛ ɔbarima no yɛ Yehowa dea (1, 2) Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ no (3-10) Abakan biara a ɔyɛ ɔbarima no, fa no ma Onyankopɔn (11-16) Ɔmaa Israelfo de wɔn ani kyerɛɛ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho (17-20) Omununkum dum ne ogya dum (21, 22) 14 Israelfo no koduu ɛpo no ano (1-4) Farao tiw Israelfo no (5-14) Israelfo twaa Ɛpo Kɔkɔɔ no (15-25) Ɛpo no faa Egyptfo no (26-28) Israelfo gyee Yehowa dii (29-31) 15 Mose ne Israelfo too nkonim dwom (1-19) Miriam gyee dwom no so (20, 21) Ɔmaa nsu a ɛyɛ nwene yɛɛ dɛ (22-27) 16 Nkurɔfo no nwiinwii wɔ aduan ho (1-3) Yehowa tee wɔn anwiinwii no (4-12) Wɔmaa wɔn mmoko ne mana (13-21) Mana antɔ Homeda (22-30) Wɔkoraa mana no bi so de yɛɛ nkae (31-36) 17 Wonwiinwii wɔ Horeb sɛ wonnya nsu nnom (1-4) Nsu fii ɔbotan mu bae (5-7) Amalekfo bɛtow hyɛɛ wɔn so, nso wodii nkogu (8-16) 18 Yetro ne Sipora baa sare no so (1-12) Yetro tuu no fo sɛ ɔmpaw atemmufo (13-27) 19 Wɔsoɛɛ Sinai Bepɔw anim (1-25) Wɔkae sɛ Israel bɛyɛ ahemman a emufo yɛ asɔfo (5, 6) Odwiraa ɔman no ho ma wɔkɔɔ Onyankopɔn anim (14, 15) 20 Mmara Nsɛm Du no (1-17) Nea Israelfo hui na wɔtee nti wɔbɔɔ hu (18-21) Ɔsom ho akwankyerɛ (22-26) 21 Atemmusɛm a ɛwɔ hɔ ma Israel (1-36) Hebrini a ɔyɛ akoa (2-11) Obi a obepira ne yɔnko anaa obekum no (12-27) Nea ɛfa mmoa ho (28-36) 22 Atemmusɛm a ɛwɔ hɔ ma Israel (1-31) Korɔnbɔ ho mmara (1-4) Obi a ɔbɛsɛe obi afuw mu nneɛma (5, 6) Obi ade a akodi obi hɔ ne ade no wura (77-15) Bradato (16, 17) Ɔsom ne abrabɔ mu nsɛm (18-31) 23 Atemmusɛm a ɛwɔ hɔ ma Israel (1-19) Nokwaredi ne atɛntrenee (1-9) Homeda ne afahyɛ ho mmara (10-19) Ɔkae sɛ ɔbɔfo bɛkyerɛ Israel kwan (20-26) Asaase a wobenya ne n’ahye (27-33) 24 Ɔman no kae sɛ wobedi Yehowa apam so (1-11) Mose kɔɔ Sinai Bepɔw so (12-18) 25 Ɔsom ntamadan no ho ntoboa (1-9) Adaka no (10-22) Ɔpon no (23-30) Kaneadua no (31-40) 26 Ɔsom ntamadan no (1-37) Ɔsom ntamadan no ho ntama (1-14) Ntamadan no nnua ne ne nnyinaso (15-30) Ntwamutam ne nkataano no (31-37) 27 Afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so (1-8) Adiwo (9-19) Ngo a wɔde begu kaneadua no mu (20, 21) 28 Asɔfo ntaade (1-5) Efɔd no (6-14) Nkatabo no (15-30) Urim ne Tumim (30) Nsasin no (31-35) Abotiri no ne ade tratraa a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ no (36-39) Asɔfo no ntaade a aka (40-43) 29 Ɔkwan a wɔfaa so hyɛɛ wɔn asɔfo (1-37) Afɔre a wɔbɔ no da biara (38-46) 30 Aduhuam afɔremuka no (1-10) Nnipa a wɔkan wɔn ne agyede sika (11-16) Kɔbere sɛn a wɔde emu nsu hohoro wɔn ho (17-21) Ɔsrango a wɔafra no yiye (22-33) Sɛnea na wɔyɛ aduhuam kronkron no (34-38) 31 Onyankopɔn honhom boaa wɔn a wɔyɛɛ nsaanodwuma no (1-11) Homeda yɛ sɛnkyerɛnne a ɛda Onyankopɔn ne Israel ntam (12-17) Abopon abien no (18) 32 Wɔsom sika nantwi ba (1-35) Mose tee sɛ wɔreto dwom soronko bi (17, 18) Mose de abopon a mmara wɔ so no hwee hɔ ma ebubui (19) Lewifo no gyinaa Yehowa afã (26-29) 33 Onyankopɔn kaa wɔn anim (1-6) Ná ahyiae ntamadan no wɔ asoɛe no akyi (7-11) Mose srɛe sɛ Yehowa mma onhu n’anuonyam (12-23) 34 Ɔyɛɛ abopon foforo (1-4) Mose huu Yehowa anuonyam (5-9) Apam no mu nsɛm no, wɔsan tii mu (10-28) Mose anim hyerɛnee (29-35) 35 Homeda ho akwankyerɛ (1-3) Ɔsom ntamadan no ho ntoboa (4-29) Honhom hyɛɛ Besalel ne Oholiab ma (30-35) 36 Wonyaa ntoboa a ɛbɛso adwuma no ama ebi aka (1-7) Wɔyɛɛ nneɛma a wɔde besi ɔsom ntamadan no (8-38) 37 Wɔyɛɛ Adaka no (1-9) Ɔpon no (10-16) Kaneadua no (17-24) Aduhuam afɔremuka no (25-29) 38 Afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so (1-7) Ɔsɛn a wɔde kɔbere ayɛ (8) Adiwo (9-20) Ɔhwɛe sɛ nneɛma a wɔde bɛyɛ ɔsom ntamadan no aso anaa (21-31) 39 Wɔyɛɛ asɔfo ntaade no (1) Efɔd no (2-7) Nkatabo no (8-21) Nsasin no (22-26) Asɔfo no ntaade a aka (27-29) Sika kɔkɔɔ traa no (30, 31) Mose hwɛɛ ɔsom ntamadan no ho biribiara sɛ eye anaa (32-43) 40 Wosii ɔsom ntamadan no (1-33) Yehowa anuonyam hyɛɛ ɔsom ntamadan no mu ma (34-38)