Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase Yona Mu Nsɛntitiriw YONAH EMU NSƐNTITIRIW 1 Yona bɔɔ mmɔden sɛ obeguan afi Yehowa anim (1-3) Yehowa maa mframa kɛse bi bɔe (4-6) Yona nti na mframa kɛse no bɔe (7-13) Wɔtow Yona too ɛpo a ɛrehuru no mu (14-16) Apataa kɛse bi menee Yona (17) 2 Mpae a Yona bɔe wɔ apataa no yam (1-9) Apataa no kɔfee no too asaase so (10) 3 Yona tiee Onyankopɔn, na ɔkɔɔ Niniwe (1-4) Asɛm a Yona ka kyerɛɛ Niniwefo no ma wɔsakraa wɔn adwene (5-9) Onyankopɔn sesaa n’adwene; wansɛe Niniwe (10) 4 Yona bo fuwii, na na ɔpɛ sɛ owu (1-3) Yehowa kyerɛɛ Yona sɛnea obenya mmɔborɔhunu (4-11) “Enti wo bo afuw denneennen yi, eye?” (4) Onyankopɔn de kɔntoa yɛɛ mfatoho maa Yona (6-10)