NAHUM
1 Niniwe ho atemmusɛm:+ Nahum* a ofi Elkos no anisoadehu nhoma:
2 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho,+ na otua bɔne so ka;
Yehowa tua bɔne so ka, na ɔntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛda n’abufuw adi.+
Yehowa tua wɔn a wɔne no di asi no ka,
Na ɔboaboa abufuw ano twɛn n’atamfo.
Ɔreba a, mframa a ɛsɛe ade ne ahum na edi n’akyi,
Na omununkum yɛ ne nan ase mfuturu.+
Basan ne Karmel afifide twintwam+
Na Lebanon nhwiren nso twintwam.
Asaase hu n’anim a, ɛbɔ birim;
Ɛne wiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa.+
6 Hena na obetumi agyina n’abufuw ano?+
Na hena na obetumi agyina n’abufuhyew ano?+
N’abufuw bɛdɛw sɛ ogya,
Na ne nti abotan bedwiriw agu.
7 Yehowa ye,+ na ɔyɛ abannennen wɔ ahohia bere mu.+
Wɔn a wɔde no yɛ wɔn guankɔbea no, n’ani ku wɔn ho.*+
9 Pɔw bɛn na mubetumi abɔ atia Yehowa?
Ɔde ɔsɛe pasaa reba.
Ahohia no rensan mma bio.+
11 Nea ɔbɔ Yehowa ho pɔw bɔne
Ne nea ɔma afotu bɔne nyinaa befi wo mu aba.
12 Nea Yehowa aka ni:
“Ná wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso,
Nanso wobetwitwa wɔn agu ma wɔn ase ahyew.*
Mama mo ho ahiahia mo,* nanso meremma mo ho nhiahia mo bio.
Ahoni a woasen ne nea wode nnade ayɛ* a ɛwɔ w’anyame fi* no, mɛsɛe ne nyinaa.
Mɛyɛ ɔdamoa ama wo, efisɛ mfaso biara nni wo so.’
O Yuda, di w’afahyɛ.+ Ɛbɔ a woahyɛ no, di so,
Efisɛ ohuhuni biara rentwam wɔ w’asaase so bio.
Wɔbɛsɛe no pasaa.”
2 Nea ɔbɔ nnipa hwete no aba wo* so.+
Bɔ abannennen no ho ban.
Wɛn ɔkwan no.
Mia w’abɔso mu na gyina yiye.
2 Efisɛ Yehowa bɛsan de Yakob anuonyam ama no,
Na ɔde Israel nso anuonyam ama no;
Adesɛefo abɛsɛe wɔn,+
Na wɔasɛe wɔn bobe mmaa.
3 Wɔaka n’akatakyi akyɛm ho kɔɔ,
Na n’akatakyi hyehyɛ ntaade kɔkɔɔ.
Ɛda a osiesie ne ho ma ɔko no,
Ne nteaseɛnam ho nnade pa yerɛwyerɛw sɛ ogya,
Na wokurakura mpeaw a wɔde ɔpopaw dua ayɛ.
4 Nteaseɛnam no atew praka wɔ mmorɔn so.
Wɔde mmirika di mmɔnten so akɔneaba.
Wɔhyerɛn te sɛ agyatɛn,* na wotu mmirika te sɛ anyinam.
5 Ɔbɛfrɛ n’abirɛmpɔn.
Wɔrenantew a, wobehintiw.
Wɔde mmirika kɔ ne fasu ho;
Wosisi akoban.*
7 Wɔahyɛ ato hɔ: Wɔapa ne ho ntama na wɔatam no kɔ;
Ne mmaawa redi abooboo te sɛ mmuruburuw a wɔresu,
Na wɔpempem wɔn koko.
“Munnyina hɔ! Munnyina hɔ!”
Nanso obiara nsan n’akyi.+
9 Monsesaw dwetɛ; monsesaw sika kɔkɔɔ,
Efisɛ nneɛma a wakora so nni ano.
Na ahode a ɛyɛ fɛ pii wɔ hɔ.
10 Obiara afi kurow no mu, asɛe, na adan amamfo!+
Ehu ama wɔn koma atu, wɔn nkotodwe rekeka bom, wɔte yaw wɔ wɔn sisi mu,
Na wɔn nyinaa anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ.
11 Ɛhe na agyata te,+ na ɛhe na agyatanini* kɔ adidi?
Ɛhe na agyata a obiara ntumi nhunahuna wɔn no
De wɔn mma kɔ?
12 Gyata tetew nam mu maa ne mma,
Na okum mmoa maa agyatabere.
Okum mmoa hyɛɛ n’amoa mu ma,
Na ɔde mmoa a watetew wɔn mu hyɛɛ ne bon mu ma.
13 Asafo Yehowa asɛm ni: “Hwɛ, me ne wo anya,+
Na mɛhyew wo nteaseɛnam dwerɛbee.+
Na w’agyata* no, sekan bedi wɔn nam.
Meremma wunnya nam nwe wɔ asaase so bio,
Na wɔn a wosomasoma wɔn no, obiara rente wɔn nka bio.”+
3 Kurow a ehwie mogya gu, due!
Nnaadaa ne korɔnbɔ ahyɛ no ma.
Daa ɔfom nneɛma.
2 Apɔnkɔ abaa ne nteaseɛnam nan ase gyigye wɔ hɔ;
Apɔnkɔ a wɔretu mmirika denneennen ne nteaseɛnam a ɛrehuruhuruw ba.
3 Ɔpɔnkɔsotefo abedu, sekan ano repa gya, na peaw ano repa yerɛwyerɛw;
Nnipa pii awuwu, na afunu sum hɔ;
Awufo no dodow nni ano.
Nkurɔfo nan pempem afunu.
4 Ne nyinaa fi tuutuuni no aguamammɔ bebrebe no,
Ɔbea nuonyamfo a ne ho yɛ fɛ, asumansɛm hemmaa no;
Ɔno na ɔde n’aguamammɔ sum aman afiri na ɔde n’asumansɛm nya mmusua.
5 Asafo Yehowa aka sɛ: “Hwɛ, me ne wo* anya!+
Mɛpagyaw w’ataade akodu wo ti;
Mɛma amanaman ahu w’adagyaw,
Na ahenni ahu w’animguase.
Hena na obegyam no?’
Ɛhe na menya awerɛkyekyefo ama wo?
8 No-Amon*+ a ɛwɔ Nil asuasu ho+ no, wokyɛn no anaa?
Ɔno na na nsu atwa ne ho ahyia;
Ɛpo na na ɛyɛ n’ahode; ɛpo na na ɛyɛ n’afasu.
9 Etiopia ne Egypt hɔ na onyaa ahoɔden a enni ano.
Ne mma nso, wɔtetew wɔn mu wɔ mmɔnten so baabiara.
Wɔbɔɔ ne mmarima anuonyamfo so ntonto,
Na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu n’atitiriw nyinaa.
Na wo tamfo hɔ na wobɛhwehwɛ guankɔbea.
12 W’abannennen nyinaa te sɛ borɔdɔma aba a edi kan;
Sɛ wɔwosow a, ɛporow gu adifo anom.
13 Hwɛ, wo dɔm bɛdan mmea.
Wobebue w’asaase apon ato hɔ ama w’atamfo.
Ogya bɛhyew nnade a ɛbrambram w’apon akyi no.
14 Fa nsu sie ma da a wɔbɛka mo ahyem no.+
Hyɛ w’abannennen mu den.
Kɔ atɛkyɛ mu na kɔwɔw dɔte,
Na so ade a wɔde twa birikisi mu.
15 Ɛhɔ mpo ogya bɛhyew wo.
Na sekan bedi wo nam.+
Ɛbɛsɛe wo te sɛ nea ntutummɛ sɛe ade.+
Ma wo dodow nnɔɔso sɛ ntutummɛ mma;
Ampa, ma wo dodow nnɔɔso sɛ ntutummɛ.
16 Woama w’aguadifo adɔɔso asen ɔsoro nsoromma.
Ntutummɛ mma worɔw wɔn ho gu hɔ, na wotu kɔ.
17 W’awɛmfo te sɛ ntutummɛ,
Na wo mpanyimfo te sɛ ntutummɛ manyamanya.
Wɔtetare ban ho awɔw da,
Nanso owia bɔ pɛ na wɔatu kɔ,
Na obiara nhu baabi a wɔwɔ bio.
18 O Asiria hene, wo nguanhwɛfo retɔ nko;
W’atumfo adwudwo wɔn ho wɔ wɔn atenae.
Wo manfo ahwete wɔ mmepɔw so,
Na obiara nni hɔ a ɔbɛboaboa wɔn ano.+
19 Worennya ahotɔ biara wɔ w’amanehunu mu.
Wo kuru renwu da.
Wɔn a wɔbɛte wo ho nsɛm nyinaa bɛbɔ wɔn nsam;+
Efisɛ atirimɔdensɛm a wode dii nkurɔfo daa no, hena na woamfa bi anni no?”+
Ɛkyerɛ, “Ɔwerɛkyekyefo.”
Anaa “ɔhwɛ wɔn so.” Nt., “onim wɔn.”
Kyerɛ sɛ, Niniwe asaase.
Anaa “nsã a wɔde hwiit ayɛ.”
Ebetumi nso akyerɛ, “na obetwam akɔ.”
Kyerɛ sɛ, Mama Yuda ho ahiahia no.
Kyerɛ sɛ, Asiria.
Anaa “ne ahoni a wɔagu.”
Anaa “w’abosomfi.”
Kyerɛ sɛ, Niniwe.
Ɛyɛ popã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.
Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.
Anaa “bɛnan.”
Anaa “agyatanini a wɔn ho yɛ den.”
Anaa “w’agyatanini a wɔn ho yɛ den.”
Kyerɛ sɛ, Niniwe.
Kyerɛ sɛ, Thebes.