Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt 2 Tesalonikafo 1:1-3:18
  • 2 Tesalonikafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 2 Tesalonikafo
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Tesalonikafo

NEA ƐTO SO ABIEN A ƆDE KƆMAA TESALONIKAFO

1 Me Paul, me ne Silwano,* ne Timoteo,+ yɛde krataa yi rekɔma Tesalonikafo asafo a ɛwɔ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu no:

2 Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoe nka mo.

3 Anuanom, yehu sɛ ɛsɛ sɛ mo nti yɛda Onyankopɔn ase daa. Eyi fata, efisɛ mo gyidi reyɛ kɛse paa,* na ɔdɔ a mo mu biara wɔ ma ne yɔnko no reyɛ kɛse.+ 4 Ɛno nti, yɛde mo hoahoa yɛn ho+ wɔ Onyankopɔn asafo ahorow no mu, efisɛ tan a nkurɔfo retan mo ani, ne amanehunu* a morehyia nyinaa, mode animia gyina mu, na moda gyidi adi.+ 5 Eyi yɛ Onyankopɔn atemmu a ɛteɛ ho adanse, na ɛma wobu mo sɛ mofata sɛ mokɔ Onyankopɔn Ahenni a ɛno nti morehu amane no mu.+

6 Nea enti a eyi te saa ne sɛ, ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so sɛ ɔde amanehunu betua wɔn a wɔma muhu amane no ka.+ 7 Na mo a muhu amane no de, mo ne yɛn nyinaa benya ɔhome bere a wɔada Awurade Yesu adi+ afi soro a n’abɔfo a wɔwɔ tumi ka ne ho+ 8 wɔ ogyaframa mu no, bere a ɔde asotwe* bɛba wɔn a wonnim Onyankopɔn ne wɔn a wontie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no so no.+ 9 Wɔn a wɔte saa no, wɔbɛsɛe wɔn afebɔɔ+ de atwe wɔn aso, na wobeyi wɔn afi Awurade anim, na ɔremfa ne tumi kɛse no mmoa wɔn bio.* 10 Bere a Awurade bɛba no, wɔbɛhyɛ ɔne n’akronkronfo anuonyam, na da no, ne ho bɛyɛ wɔn a wogye dii nyinaa nwonwa, efisɛ mugyee adanse a yedii no toom.

11 Ɛno nti, yɛbɔ mpae ma mo daa sɛ yɛn Nyankopɔn mmu mo sɛ mofata ne frɛ+ no, na ɔmfa ne tumi nyɛ adepa a ɛsɔ n’ani nyinaa ne gyidi adwuma biara. 12 Ɛno bɛma wɔahyɛ yɛn Awurade Yesu din anuonyam wɔ mo mu, na wɔahyɛ mo nso anuonyam wɔ ne mu, sɛnea yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom te no.

2 Nanso, anuanom, yɛn Awurade Yesu Kristo mmae+ ne boa a wɔbɛboaboa yɛn ano akɔ ne nkyɛn+ no ho de, yɛsrɛ mo sɛ, 2 sɛ nkurɔfo keka sɛ Yehowa* da+ no adu, na wɔkyerɛ sɛ nea wɔreka no yɛ honhom mu* asɛm anaa asɛm a ebinom aka anaa krataa a efi yɛn hɔ mpo a, mommma ɛnnsɛe mo adwene ntɛm na mommma enntu mo koma.+

3 Mommma obiara mmma mommfom kwan* wɔ ɔkwan biara so, efisɛ saa da no remma gye sɛ ɔwae+ no adi kan aba ama onipa a onni mmara so,+ ɔsɛe ba+ no ho ada hɔ ansa. 4 Ɔyɛ ɔsɔretiafo, na ɔma ne ho so sen obiara a wɔfrɛ no onyame anaa biribiara a nkurɔfo som. Enti ɔtena ase wɔ Onyankopɔn asɔrefi, na ɔda ne ho adi baguam sɛ ɔyɛ onyame. 5 Mo werɛ afi sɛ bere a mewɔ mo nkyɛn no, na meka nsɛm yi kyerɛ mo anaa?

6 Seesei munim nea ɛresiw kwan a ɛmmaa ne ho nnaa hɔ kosi sɛ ne bere bɛso no. 7 Nokwarem no, nea onni mmara so no ho ahintasɛm afi ase dedaw,+ nanso ɛbɛkɔ so ayɛ ahintasɛm akosi sɛ nea seesei ɔresiw no kwan no befi kwan mu. 8 Ɛno akyi na wɔbɛda nea onni mmara so no adi; ɔno na Awurade Yesu de n’anom honhom+ beyi no afi hɔ wɔ ne mmae no mu bere a wɔbɛda Awurade Yesu adi+ no, na ɔbɛsɛe no. 9 Na nea onni mmara so no mmae no, Satan na ɔtaa akyi;+ ɔde ahoɔden nnwuma* nyinaa, ne atoro nsɛnkyerɛnne, ne anwonwade ahorow,+ 10 ne nnaadaa bɔne biara+ daadaa wɔn a wɔasi ɔsɛe kwan so no. Na ɛbɛyɛ asotwe ama wɔn efisɛ wɔannya nokware no ho dɔ na ama wɔagye wɔn nkwa. 11 Ɛno nti na Onyankopɔn ma nnaadaa hyɛ wɔn so no, na ama wɔagye atoro no adi,+ 12 sɛnea ɛbɛyɛ a wobebu wɔn nyinaa atɛn efisɛ wɔannye nokware no anni, na mmom wɔn ani gyee nea ɛnteɛ ho.

13 Nanso, anuanom a Yehowa* dɔ mo, yehu sɛ mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, efisɛ Onyankopɔn paw mo+ fii mfiase sɛ mummenya nkwagye. Ne honhom a ɔde tew mo ho,+ ne gyidi a mowɔ wɔ nokware no mu no, ɛno na ɔnam so paw mo. 14 Ɔnam asɛmpa a yɛka no so na ɛfrɛɛ mo baa nkwagye mu, sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya yɛn Awurade Yesu Kristo anuonyam.+ 15 Enti afei, anuanom, munnyina pintinn,+ na nkyerɛkyerɛ a yɛde gyaw mo no,+ sɛ ɛyɛ asɛm a yɛde yɛn ano kae oo, sɛ ɛyɛ krataa bi a efi yɛn hɔ oo, monkɔ so nkura mu. 16 Bio nso, yɛn Awurade Yesu Kristo ankasa ne yɛn Agya Nyankopɔn a ɔdɔɔ yɛn,+ a n’adom nti ɔmaa yɛn awerɛkyekye a ɛboa yɛn afebɔɔ ne anidaso pa+ no, 17 ɔnkyekye mo* werɛ, na ɔmma munnyina pintinn* sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ nnwuma pa na moaka nsɛm a eye.

3 Afei anuanom, monkɔ so mmɔ mpae mma yɛn,+ na ama Yehowa* asɛm akɔ so atrɛw ntɛmntɛm,+ na wɔahyɛ n’asɛm no anuonyam, sɛnea moreyɛ no. 2 Afei nso, mommɔ mpae mma yɛn na wɔagye yɛn afi amumɔyɛfo ne abɔnefo nsam,+ efisɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidi.+ 3 Nanso Awurade yɛ ɔnokwafo, na ɔbɛhyɛ mo den, na wabɔ mo ho ban afi ɔbɔnefo no ho. 4 Bio nso, yɛwɔ mo mu ahotoso wɔ Awurade mu sɛ akwankyerɛ a yɛde ma mo no, mode reyɛ adwuma na mobɛkɔ so de ayɛ adwuma. 5 Awurade nkɔ so nkyerɛ mo koma kwan yiye nkɔ Onyankopɔn dɔ+ ho, na ɔmma mummia mo ani,+ Kristo nti.

6 Afei anuanom, yɛrema mo akwankyerɛ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu sɛ, onua biara a ɔnenam basabasa na onni nsɛm* a mote* fii yɛn nkyɛn no+ so no, montwe mo ho mfi ne ho.+ 7 Na mo ara munim sɛnea ɛsɛ sɛ musuasua yɛn,+ efisɛ yɛammɔ yɛn bra basabasa wɔ mo mu, 8 na saa ara nso na yɛanni obiara aduan kwa.*+ Mmom yebirii yɛn mogya ani yɛɛ adwumaden awia ne anadwo, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa ɛka kɛse biara nto mo mu biara so.+ 9 Ɛnyɛ sɛ yenni tumi+ sɛ yegye biribi fi mo hɔ, na mmom na yɛpɛ sɛ yɛde yɛn ho yɛ nhwɛso ma mo na musuasua yɛn.+ 10 Nokwarem no, bere a yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛtaa de ahyɛde yi ma mo sɛ: “Sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma onnnidi nso.”+ 11 Na yɛate sɛ ebinom nenam basabasa wɔ mo mu+ a wɔnyɛ adwuma koraa, na nsɛm a ɛmfa wɔn ho na wɔde wɔn ano to mu.+ 12 Saa nnipa no, yɛhyɛ wɔn, na yetu wɔn fo wɔ Awurade Yesu Kristo mu sɛ, wɔnyɛ komm nyɛ adwuma na wonni aduan a wɔn ankasa abrɛ anya.+

13 Anuanom, mo de, mommmrɛ papayɛ mu. 14 Na sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ krataa yi mu a, monhyɛ onii no nsow, mo ne no mmmɔ+ na ama n’ani awu. 15 Nanso mummmu no sɛ ɔtamfo, na mmom monkɔ so ntu no fo+ sɛ onua.

16 Na asomdwoe Wura no ankasa mma mo asomdwoe daa wɔ akwan nyinaa mu.+ Awurade ne mo nyinaa ntena.

17 Me Paul, me nkyia a mede m’ankasa me nsa kyerɛwee+ ni. Ɛyɛ ahyɛnsode wɔ me krataa biara mu; sɛɛ na mekyerɛw.

18 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

Ɔno ara na wɔfrɛ no Silas no.

Anaa “renyin paa.”

Anaa “ahohia; ahoyeraw.”

Anaa “aweredi.”

Anaa “obetwa wɔn afi n’ahoɔden a ɛwɔ anuonyam no ho.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “nsɛm a honhom bi aka.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Honhom.”

Anaa “Mommma obiara nnnaadaa mo.”

Anaa “ahoɔdenne.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “mo koma.”

Anaa “ɔnhyɛ mo den.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “akwankyerɛ.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wɔte.”

Anaa “yɛanni obiara aduan a yɛantua ka.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena