Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt 2 Timoteo 1:1-4:22
  • 2 Timoteo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 2 Timoteo
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Timoteo

NEA ƐTO SO ABIEN A ƆDE KƆMAA TIMOTEO

1 Me Paul a menam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafo sɛnea nkwa a ɛnam Kristo Yesu so ho bɔhyɛ+ te no, 2 mede krataa yi rekɔma me dɔba Timoteo:+

Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu adom ne mmɔborɔhunu ne asomdwoe nka wo.

3 Meda Onyankopɔn ase. Ɔno na meresom no, sɛnea m’agyanom som no no. Na mede ahonim* pa na ɛresom no. Daa mekae wo wɔ me nkotosrɛ mu awia ne anadwo. 4 Mekae wo nisu no a, na m’ani agyina sɛ mehu wo, sɛnea ɛbɛyɛ a anigye bɛhyɛ me ma. 5 Na mekae wo gyidi a nyaatwom nnim+ a edii kan tenaa wo nana Lois ne wo maame Eunike mu no. Mewɔ ahotoso sɛ saa gyidi no da so wɔ wo mu.

6 Eyi nti, merekae wo sɛ Onyankopɔn akyɛde a mede me nsa guu wo so ma wunyae no, hyɛ mu gya.+ 7 Efisɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom,+ na mmom ɔmaa yɛn tumi+ ne ɔdɔ ne adwene a emu da hɔ honhom. 8 Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade ho adansedi+ no ho, na me a Awurade nti meyɛ ɔdeduani no nso, mma w’ani nnwu me ho. Mmom, fa wo ho to Onyankopɔn tumi so,+ na nsuro sɛ asɛmpa no nti wubehu amane.+ 9 Wagye yɛn, na wafrɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ akronkronfo,*+ ɛnyɛ yɛn nnwuma nti, na mmom n’ankasa atirimpɔw ne n’adom+ ntia. Wɔde saa adom yi maa yɛn wɔ Kristo Yesu mu fi teteete, 10 na afei de wɔnam yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahoyi so ada no adi pefee.+ Ɔno na ɔnam asɛmpa no+ so ayi owu afi hɔ,+ na ɔnam asɛmpa no ara so ama yɛahu sɛnea yebenya nkwa+ ne nea ɛmporɔw+ no. 11 Saa asɛmpa no nti na woyii me sɛ ɔsɛnkafo ne ɔsomafo ne ɔkyerɛkyerɛfo no.+

12 Eyi nso nti na merehu amane yi,+ nanso ɛnyɛ me aniwu.+ Efisɛ minim Onii a magye no adi no, na mewɔ ahotoso sɛ nea mede ahyɛ ne nsa no, obetumi ahwɛ so akosi sɛ saa da no bɛba.+ 13 Nsɛmpa* ho nhwɛso*+ a wote fii me nkyɛn no, kɔ so fa gyidi ne ɔdɔ a Kristo Yesu ayɔnkofa ama woanya no kura mu. 14 Adepa a wɔde ahyɛ wo nsa yi, fa honhom kronkron a ɛte yɛn mu+ no hwɛ so yiye.

15 Wunim sɛ nnipa a ɛwɔ Asia+ no nyinaa atwe wɔn ho afi me ho; Figelo ne Hermogene ka saa nkurɔfo no ho. 16 Awurade nyi mmɔborɔhunu adi nkyerɛ Onesiforo fifo,+ efisɛ ɔmaa me ho dwoo me mpɛn pii, na nkɔnsɔnkɔnsɔn a wɔde agu me no amma wamfɛre. 17 Mmom bere a ɔbaa Roma no, ɔhwehwɛɛ me denneennen, na ohuu me. 18 Awurade mma onnya Yehowa* hɔ mmɔborɔhunu saa da* no. Na wo ara wunim nea ɔyɛ maa me* wɔ Efeso no nyinaa.

2 Enti, me ba,+ ma adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no nkɔ so nhyɛ wo den; 2 na nea wote fii me hɔ a nnipa pii dii ho adanse no,+ ɛno na fa hyɛ nnipa anokwafo nsa. Ɛbɛma wɔn nso afata yiye sɛ wɔde bɛkyerɛkyerɛ ebinom. 3 Nsuro sɛ wubehu amane+ sɛ Kristo Yesu sraani pa.+ 4 Ɔsraani biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔsɔ nea ɔfaa no sraadi mu no ani a ɔde ne ho bɛhyɛ aguadi mu.* 5 Na agodi mu mpo, sɛ obi si akan a, wɔmfa abotiri no mma no, gye sɛ wasi akan no sɛnea ɛho mmara te.+ 6 Okuafo a wayɛ adwumaden no, ɔno na ɛsɛ sɛ odi kan di aba no bi. 7 Nea mereka yi, kɔ so dwen ho; Awurade bɛma woate nneɛma nyinaa ase.*

8 Kae sɛ, wonyan Yesu Kristo fii awufo mu,+ na na ɔyɛ Dawid aseni,*+ sɛnea asɛmpa a meka no te no.+ 9 Asɛmpa no nti na merehu amane a wɔde me ato afiase sɛ obi a madi bɔne+ yi. Nanso Onyankopɔn asɛm de, wɔnkyekyeree.+ 10 Eyi nti, mekɔ so de animia gyina biribiara mu, wɔn a wɔapaw wɔn no nti.+ Meyɛ saa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso benya nkwagye a ɛnam Kristo Yesu so no, na wɔanya daa anuonyam nso. 11 Asɛm yi yɛ nokware: Sɛ ɛyɛ ampa sɛ yɛne no wui a, ɛnde yɛne no bɛtena nkwa mu nso;+ 12 sɛ yɛkɔ so de animia gyina mu a, yɛne no bedi hene nso;+ na sɛ yɛka sɛ yennim no a, ɔno nso bɛka sɛ onnim yɛn;+ 13 sɛ yɛanni nokware a, ɔno de, ɔyɛ ɔnokwafo, efisɛ ɔrentumi nyɛ biribiara a ɛne ne suban nhyia.

14 Kɔ so kae wɔn eyinom, na kyerɛkyerɛ wɔn* wɔ Onyankopɔn anim sɛ ɛnsɛ sɛ wɔko nsɛmfua ho, efisɛ ɛyɛ biribi a mfaso nni so koraa, na ɛsɛe wɔn a wotie no adwene. 15 Yɛ nea wubetumi biara fa wo ho ma Onyankopɔn sɛ obi a wogye no tom, odwumayɛni a ɔmfɛre n’adwuma ho,* na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.+ 16 Nanso nsɛnhunu a etia nea ɛyɛ kronkron+ no, twe wo ho fi ho, efisɛ nsɛm a ɛte saa no* kowie bɔne ahorow pii mu, 17 na wɔn nsɛm bɛtrɛw te sɛ ɔyare bɔne. Wɔn mu bi ne Himeneo ne Fileto.+ 18 Saa mmarima yi aman afi nokware no ho, na wɔka sɛ owusɔre no aba dedaw,+ na wɔresɛe ebinom gyidi. 19 Nanso, Onyankopɔn fapem a ɛyɛ den no da so ara tim hɔ, na ahyɛnsode yi wɔ ho, “Yehowa* nim wɔn a wɔyɛ ne dea,”+ afei nso, “Obiara a ɔbɔ Yehowa* din+ no, ma ɔntwe ne ho mfi nea ɛnteɛ ho.”

20 Ofi kɛse mu no, ɛnyɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ anwenne nko ara na ɛwom, na mmom nnua ne dɔte anwenne nso wom bi. Wɔde bi yɛ nneɛma a ɛwɔ anuonyam, na wɔde bi nso yɛ nneɛma a enni anuonyam. 21 Enti sɛ obi twe ne ho fi nea enni anuonyam no ho a, ɔbɛyɛ ade* a wɔde yɛ nneɛma a ɛwɔ anuonyam, ade a wɔatew ho a ɛso wɔ mfaso ma ne wura, a wɔasiesie ama adwuma pa biara. 22 Enti guan fi mmabunbere mu akɔnnɔ ho, na di trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe akyi, wo ne wɔn a wɔde koma a emu tew frɛ Awurade no.

23 Bio nso, twe wo ho fi nkwasea akyinnyegye+ a mfaso biara nni so no ho, efisɛ wunim sɛ ɛde ntɔkwaw ba. 24 Na ɛnsɛ sɛ Awurade akoa ko, na mmom ɛsɛ sɛ ɔyɛ nnipa nyinaa brɛbrɛ,*+ otumi kyerɛkyerɛ, otumi hyɛ ne ho so bere a obi ayɛ no bɔne,+ 25 ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔtew atua.+ Ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra, na wɔanya nokware no ho nimdeɛ a edi mu.+ 26 Ɛbɛma wɔn ani aba wɔn ho so, na wɔahu sɛ Ɔbonsam akyere wɔn* de wɔn reyɛ nea ɔpɛ,+ na wɔagye wɔn ho afi n’afiri mu.

3 Na hu eyi sɛ awiei mmere no+ mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. 2 Efisɛ nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkominya,* wɔbɛyɛ sikanibere, wɔbɛhoahoa wɔn ho, wɔbɛyɛ ahantan, wɔbɛkeka abususɛm, wɔrentie wɔn awofo asɛm, wɔbɛyɛ bonniayɛ, wobedi nkurɔfo huammɔ,* 3 wɔrennya tema, nkurɔfo rentumi ne wɔn nyɛ apam, wɔbɛsɛe nkurɔfo din, wɔrentumi nhyɛ wɔn ho so, wobedi atirimɔdensɛm,* wɔbɛyɛ wɔn a wɔmpɛ papa, 4 wobeyi nkurɔfo ama, wɔbɛyɛ asoɔden, wɔbɛyɛ ahomaso, sɛ́ anka wɔbɛdɔ Onyankopɔn no, anigye mmom na wɔbɛpɛ; 5 wuhu wɔn a wobɛka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔmmɔ wɔn bra sɛnea Onyankopɔn pɛ;*+ saa nnipa yi, twe wo ho fi wɔn ho. 6 Na wɔn mu binom bewiawia wɔn ho akɔ afi mu, na mmea a wɔyɛ mmerɛw a bɔne ahyɛ wɔn so na akɔnnɔ ahorow twetwe wɔn no, wɔbɛfa wɔn de wɔn ayɛ nkoa. 7 Wosua ade daa, nanso wontumi nnya nokware no ho nimdeɛ a edi mu no da.

8 Na sɛnea Yane ne Yambre ko tiaa Mose no, saa ara na saa nkurɔfo no nso ko tia nokware no. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛe koraa, na Onyankopɔn nnye wɔn ntom wɔ gyidi no mu. 9 Na wɔrentumi nkɔ wɔn anim bio, efisɛ wɔn nkwaseasɛm bɛda adi pefee wɔ nnipa nyinaa anim, te sɛ nea ɛtoo saa mmarima baanu no.+ 10 Nanso wo de, nea woadi akyi pɛpɛɛpɛ ne me nkyerɛkyerɛ, m’abrabɔ,+ nea esi m’ani so, me gyidi, m’abotare, me dɔ, ne m’animia. 11 Bio nso, tan a nkurɔfo tan m’ani ne m’amanehunu, te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Antiokia,+ Ikoniom,+ ne Listra+ no, wunim ne nyinaa. Mede animia gyinaa saa ateetee no ano, na Awurade gyee me fii ne nyinaa mu.+ 12 Nea ɛwom ne sɛ, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase sɛ Kristo Yesu akyidifo nyinaa, nkurɔfo bɛtan wɔn ani.+ 13 Nanso nnipabɔnefo ne nnaadaafo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔbɛdaadaa nkurɔfo na nkurɔfo nso adaadaa wɔn.+

14 Na wo de, nea woasua na woagye adi sɛ ɛyɛ nokware no, kɔ so fa yɛ adwuma,+ efisɛ wunim wɔn a wusua fii wɔn nkyɛn, 15 na wo mmofraase+ na wusuaa nkyerɛwee kronkron no,+ na ɛno na ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu.+ 16 Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu,+ na eye ma nkyerɛkyerɛ,+ kasakyerɛ, nneɛma ateɛteɛ, na ɛteɛ yɛn so ma yɛyɛ nea ɛteɛ,+ 17 sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nipa bɛfata paa a wɔasiesie no yiye ama adwuma pa biara.

4 Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo+ atɛn+ bere a wɔada no adi,+ ne bere a waba n’Ahenni mu+ no, migyina ɔno ne Onyankopɔn anim hyɛ wo denneennen sɛ: 2 Ka asɛm no;+ yere wo ho ka, na ntwentwɛn so, ka no bere a eye ne bere a enye mu, ka anim,+ fa nteɛso ma, tu fo; fa abotare ne nkyerɛkyerɛ a etu mpɔn yɛ ne nyinaa.+ 3 Efisɛ bere bi bɛba a wɔbɛpo nkyerɛkyerɛ pa*+ no, na wobedi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi, na wɔapɛ akyerɛkyerɛfo a wɔbɛka nsɛm a ɛbɛyɛ wɔn asom dɛ.*+ 4 Wɔrentie nokware no bio, mmom wɔbɛkɔ akotie atosɛm. 5 Nanso wo de, ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, mia w’ani gyina amanehunu mu,+ yɛ ɔsɛmpakafo adwuma,* yɛ wo som adwuma no pɛpɛɛpɛ.*+

6 Na seesei mpo, wɔrehwie me te sɛ nsã afɔre,+ na ɛrenkyɛ na manya me ho atetew.+ 7 Mako ɔko pa no,+ matu mmirika no awie,+ makura gyidi no mu. 8 Efi saa bere yi rekɔ no, nea ɛda hɔ retwɛn me ne trenee abotiri+ a Awurade, ɔtemmufo treneeni+ no, de bɛma me sɛ akatua saa da no,+ na ɛnyɛ me nko na menya, na mmom wɔn a wɔrehwɛ kwan denneennen sɛ wɔbɛda no adi no nyinaa nso.

9 Bɔ mmɔden paa bra me nkyɛn ntɛm. 10 Efisɛ wiase a ɛwɔ hɔ yi* ho dɔ nti, Dema+ agyaw me hɔ kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, na Tito kɔ Dalmatia. 11 Luka nko ara na ɔwɔ me nkyɛn. Fa Marko ka wo ho bra, efisɛ ɔboa me wɔ ɔsom adwuma no mu. 12 Tikiko+ de, masoma no kɔ Efeso. 13 Sɛ woreba a, fa m’ataade a mede ko awɔw no brɛ me, nea mede gyaw Karpo wɔ Troa no, na fa nhoma mmobɔwee no nso ka ho, titiriw aboa nhoma de no.

14 Aleksandro a ɔyɛ kɔbere dwumfo no yɛɛ me bɔne pii. Yehowa* betua no ka sɛnea ne nnwuma te.+ 15 Wo nso, ɛyɛ a hwɛ wo ho yiye wɔ ne ho, efisɛ ɔkasa tiaa yɛn asɛm no denneennen.

16 Bere a edi kan a wɔma miyii m’ano no, obiara ammegyina m’akyi, na wɔn nyinaa twee wɔn ho fii me ho. Mempɛ sɛ wɔde ɛho asodi bɛto wɔn so. 17 Nanso Awurade begyinaa me nkyɛn hyɛɛ me den sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfa me so ayɛ asɛnka adwuma no pɛpɛɛpɛ, na ama amanaman nyinaa ate;+ na wogyee me fii gyata anom.+ 18 Awurade begye me afi adebɔne biara mu, na obegye me nkwa akɔ ne soro Ahenni no mu.+ Ɔno na anuonyam nka no daa daa. Amen.

19 Kyia Priska ne Akwila+ ne Onesiforo fifo+ ma me.

20 Erasto+ kaa Korinto, na Trofimo+ de, esiane sɛ ɔyare nti, migyaw no wɔ Mileto. 21 Yɛ nea wubetumi biara bra ansa na awɔw bere adu.

Eubulo se okyia wo, ɔne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom nyinaa.

22 Suban pa a woda no adi nti, Awurade nka wo ho. N’adom nka mo.

Anaa “tiboa.”

Anaa “ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ yɛn.”

Anaa “Nsɛm a mfaso wɔ so.”

Anaa “nhwɛsode.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “atemmu da.”

Anaa “ɔsom a ɔsomee.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ɔde ne ho bɛhyehyɛ ofie nsɛm mu.”

Anaa “bɛma woanya nneɛma nyinaa mu nhumu.”

Nt., “ɔyɛ Dawid aba.”

Nt., “di ho adanse frenkyemm kyerɛ wɔn.”

Anaa “odwumayɛni a ɛnsɛ sɛ ɔfɛre hwee ho.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wɔn a wɔka saa nsɛnhunu no.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “anwenne.”

Anaa “ɛsɛ sɛ ɔtɔ ne bo ase ma nnipa nyinaa.”

Anaa “akyere wɔn animono.”

Anaa “ahopɛ.”

Anaa “Onyankopɔn huammɔ.”

Anaa “wɔn ani so bɛyɛ krakra.”

Anaa “nanso wɔmfa tumi a ɛwɔ onyamesom mu no mmɔ wɔn bra.”

Anaa “nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so.”

Anaa “wobenunu wɔn asom.”

Anaa “kɔ so ka asɛmpa no.”

Anaa “yɛ wo som adwuma no afã nyinaa.”

Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkh. A5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena