Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt 1 Petro 1:1-5:14
  • 1 Petro

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1 Petro
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
1 Petro

PETRO NHOMA A EDI KAN

1 Me, Petro a meyɛ Yesu Kristo somafo,+ merekyerɛw krataa yi abrɛ mo a moabɔ ahwete Ponto, Galatia, Kapadokia,+ Asia, ne Bitinia; mo a moyɛ amamfrafo a wɔapaw mo. 2 Mo na Agya Nyankopɔn apaw mo sɛnea ɔbɔɔ ne tirim no.+ Ɔde honhom no atew mo ho+ sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ osetie na wɔde Yesu Kristo mogya apete mo so:+

Adom ne asomdwoe nnɔɔso mma mo.

3 Ayeyi nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn, efisɛ ne mmɔborɔhunu nti onyan Yesu Kristo fii awufo mu,+ na ɔnam so awo yɛn foforo+ kɔ anidaso a nkwa wom+ mu, 4 na ama yɛanya agyapade a ɛmporɔw na efĩ nni ho na ɛnsɛe.+ Wɔakora so wɔ ɔsoro ama mo;+ 5 mo gyidi nti, Onyankopɔn nam ne tumi so hwɛ mo so kɔ nkwagye mu; saa nkwagye no na wɔrebeyi no adi wɔ awiei mmere no mu. 6 Eyi nti na mudi ahurusi kɛse, ɛwom sɛ sɔhwɛ ahorow betumi ama mo werɛ ahow kakra de, nanso saa na ɛsɛ sɛ ɛba,+ 7 sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔda Yesu Kristo adi a,+ mo gyidi a wɔasɔ ahwɛ+ no de ayeyi ne anuonyam ne nidi bɛba; saa gyidi no som bo sen sika kɔkɔɔ a sɛ wɔde fa ogya mu yiyi mu fĩ* mpo a, etumi sɛe no. 8 Ɛwom, munhuu no da, nanso modɔ no. Seesei munhu no, nanso mugye no di, na mode anigye kɛse redi ahurusi paa, 9 na mo gyidi nti, mo nsa bɛka mo nkwagye*+ no.

10 Saa nkwagye yi, adiyifo a wɔhyɛɛ adom a mubenya ho nkɔm no bɔɔ mmɔden pɛɛpɛɛ mu, na wɔhwehwɛɛ mu kɔɔ akyiri.+ 11 Ná honhom a ɛwɔ wɔn mu no adi adanse sɛ Kristo behu amane+ na akyiri yi wɔahyɛ no anuonyam. Enti wɔkɔɔ so hwehwɛɛ mu hwɛɛ nea ɛbɛto Kristo ne bere a nsɛm no besisi.+ 12 Woyii no adi kyerɛɛ wɔn sɛ ɔsom adwuma a wɔyɛe no, wɔanyɛ amma wɔn ho, na mmom mo na wɔde nneɛma a wɔaka ho asɛm akyerɛ mo seesei yi som mo; ɛno ne asɛmpa a ebinom nyaa honhom kronkron fii soro+ de ka kyerɛɛ mo no. Saa nneɛma yi na abɔfo pɛ sɛ wohu mu yiye.

13 Enti munsiesie mo adwene mma adwuma kɛse,+ momma mo ani nna hɔ paa;+ momfa mo ani nto adom a sɛ wɔda Yesu Kristo adi a mo nsa bɛka no so. 14 Moyɛ mma a moyɛ osetie, enti akɔnnɔ a na mowɔ bere a munnim hwee no, munnyae akyi di,* 15 na mmom monyɛ kronkron mo nneyɛe nyinaa mu+ sɛnea Ɔkronkronni a ɔfrɛɛ mo no te no, 16 na wɔakyerɛw sɛ: “Monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.”+

17 Sɛ musu frɛ Agya a obu atɛn sɛnea obiara adwuma te na ɔnhwɛ nnipa anim+ no a, momfa nyamesuro+ mmɔ mo bra, seesei a mote wiase sɛ ahɔho yi. 18 Na munim sɛ mo abrabɔ hunu a mo agyanom de gyaw mo* no, ɛnyɛ nneɛma a ɛsɛe te sɛ dwetɛ anaa sika kɔkɔɔ na wɔde gyee mo fii mu.+ 19 Mmom ɛnam Kristo+ mogya a ɛsom bo+ no so; ɛte sɛ oguan ba a dɛm ne nkekae biara nni ne ho+ mogya. 20 Ɛwom sɛ na wɔapaw no dedaw ansa na wɔrehyɛ wiase ase*+ de, nanso mo nti wɔdaa no adi awiei bere mu.+ 21 Monam no so abegye Onyankopɔn adi;+ ɔno na onyan no fii awufo mu+ hyɛɛ no anuonyam+ na ama moanya gyidi ne anidaso wɔ Onyankopɔn mu.

22 Afei a moayɛ aso ama nokware no de adwira mo* ho ama moanya onuadɔ a nyaatwom nnim+ yi, mumfi komam nnodɔ mo ho denneennen.+ 23 Na wɔawo mo foforo,+ nanso ɛnyɛ aba* a ɛporɔw mu, na mmom nea ɛmporɔw+ mu, na ɛnam Onyankopɔn teasefo a ɔte hɔ daa no asɛm so.+ 24 Na “ɔhonam* nyinaa te sɛ sare, na wɔn anuonyam nyinaa te sɛ wuram nhwiren; sare hyew na nhwiren porow gu, 25 na Yehowa* anom asɛm de, ɛwɔ hɔ daa.”+ Na asɛmpa a wɔaka akyerɛ mo no ne “asɛm” no.+

2 Enti montow bɔne ne nnaadaa ne nyaatwom ne anibere ne anoɔyaw nyinaa ngu.+ 2 Monyɛ sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn foforo+ na munnya asɛm no mu nufusu a wɔmfraa mu no ho akɔnnɔ. Ɛno bɛma moanyin akɔ nkwagye mu,+ 3 efisɛ moaka ahwɛ ahu sɛ Awurade yam ye.

4 Ɔno na moba ne nkyɛn; ɔyɛ ɔbo a nkwa wom a nnipa apo no,+ nanso Onyankopɔn apaw no na ɔsom bo ma no,+ 5 na mo ankasa nso, moyɛ abo a nkwa wom a wɔde mo resi honhom mu ofi+ de mo ayɛ asɔfokuw kronkron, na moafa Yesu Kristo so abɔ honhom mu afɔre+ a ɛsɔ Onyankopɔn ani.+ 6 Na Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Hwɛ, mede ɔbo a wɔapaw, ntwea so bo titiriw a ne bo yɛ den reto fapem wɔ Sion, na obiara a onya mu gyidi no nsa rensi fam da.”*+

7 Enti mo mmom na ɔsom bo ma mo, efisɛ moyɛ gyidifo; na wɔn a wonnye nni no de, “ɔbo a adansifo poe no,+ ɛno na abɛyɛ ntwea so bo titiriw”*+ 8 ne “hintibo ne watiriw bo”+ ama wɔn. Esiane sɛ wontie asɛm no nti na wohintiw. Na saa ara na ebewie wɔn. 9 Nanso mo de, moyɛ “abusua a wɔapaw mo, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron,+ nnipa a Onyankopɔn de mo ayɛ ɔno ara n’agyapade,+ sɛ monka” nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso+ mu no “nneyɛe pa* nkyerɛ.”+ 10 Kan no, na monyɛ ɔman, nanso seesei moyɛ Onyankopɔn man;+ bere bi, na Onyankopɔn mmɔborɔhunu nni mo so, nanso seesei wahu mo mmɔbɔ.+

11 Adɔfo, moyɛ ahɔho ne amamfrafo,+ enti mitu mo fo sɛ monkɔ so ntwe mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ ho,+ efisɛ ɛne mo* ko.+ 12 Munkura abrabɔ pa mu wɔ amanaman no mu,+ na sɛ wɔbɔ mo sobo sɛ moyɛ abɔnefo a, wobehu mo nnwuma pa adi ho adanse,+ na wɔnam so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam ɛda a ɔbɛba abɛhwɛ sɛnea nneɛma te no.

13 Awurade nti mommrɛ mo ho ase mma nnipa nhyehyɛe nyinaa;+ mommrɛ mo ho ase mma ɔhene+ esiane ne dibea nti, 14 ne amradofo a ɔhene soma wɔn sɛ wɔnkɔtwe nnebɔneyɛfo aso na wɔnkamfo wɔn a wɔyɛ adepa+ no. 15 Na nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ mobɛyɛ adepa, sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a wɔnte asɛm ase begyae wɔn nsɛnhunu no keka.*+ 16 Moyɛ nnipa a moade mo ho,+ nanso ɛnsɛ sɛ mode mo ahofadi no kata mo anim* yɛ bɔne,+ na mmom momfa nsom Onyankopɔn sɛ ne nkoa.+ 17 Munni nnipa nyinaa ni,+ monnɔ anuanom* nyinaa,+ munsuro Onyankopɔn,+ na munni ɔhene ni.+

18 Momma nkoa mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn wuranom, na wɔmfa obu a ɛfata mma wɔn,+ ɛnyɛ awuranom a woye na wɔte asɛm ase nko, na mmom wɔn a wɔn asɛm yɛ den nso. 19 Ahonim* pa a obi wɔ wɔ Onyankopɔn anim+ nti, sɛ ohu amane* anaa wɔtan n’ani na ɔde animia gyina mu a, ɛyɛ adepa. 20 Na sɛ moyɛ bɔne ma wɔboro mo na mode animia gyina mu a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?+ Mmom sɛ adepa nti muhu amane na mode animia gyina mu a, ɛno na ɛsɔ Onyankopɔn ani.+

21 Ɛno ara nso ne asetena a wɔfrɛɛ mo baa mu, efisɛ Kristo mpo huu amane maa mo,+ na ogyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.+ 22 Wanyɛ bɔne biara,+ na wɔanhu nnaadaasɛm nso wɔ n’anom.+ 23 Bere a wɔyeyaw* no+ no, wanyeyaw* wɔn bi.+ Bere a ɔrehu amane no,+ wanhunahuna obiara, na mmom ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ nea obu atɛntrenee+ no nsa. 24 Ɔno na ɔde n’ankasa nipadua soaa yɛn bɔne+ wɔ dua no so+ sɛnea ɛbɛyɛ a yebegyae bɔne na yɛatena ase ayɛ adetrenee. Na “ɛnam n’akuru so na wɔsaa mo yare.”+ 25 Ná mote sɛ nguan a wɔayera;+ nanso seesei moasan aba nea ɔhwɛ mo kra* so+ na ɔwɛn no no nkyɛn.

3 Saa ara na mo ɔyerenom nso, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom.+ Sɛ moyɛ saa na moankasa mpo a, monam mo abrabɔ so benya mo kununom a wɔnyɛ aso mma asɛm no,+ 2 efisɛ wɔn ankasa de wɔn ani behu mo abrabɔ pa+ ne obu a emu dɔ no. 3 Mommma mo ahoɔfɛ nnnyina ahosiesie a nnipa hu so; ɛnyɛ nea ehia ne sɛ obi bɛbɔ ne ti, ɔbɛhyɛ sika kɔkɔɔ agude,+ anaa ɔbɛhyɛ ntaade a ne bo yɛ den; 4 mmom momma ennyina nneɛma a ɛnsɛe so, kyerɛ sɛ, komam nipa a ahintaw, honhom a edwo na ɛbrɛ ne ho ase;+ eyi na ɛsom bo Onyankopɔn anim. 5 Saa ara na tete no, mmea kronkron a wɔde wɔn ho too Onyankopɔn so no siesiee wɔn ho, na wɔbrɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom; 6 Sara yɛɛ saa, na otiee Abraham frɛɛ no me wura.+ Sɛ mokɔ so yɛ papa na moammɔ hu a,+ ɛnde na moabɛyɛ Sara mma.

7 Okununom, saa ara na ɛsɛ sɛ mokɔ so ne wɔn tena wɔ nimdeɛ mu.* Munni mmea no ni+ sɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw sen mo, na mo mpaebɔ kwan ansiw, efisɛ nkwa a wɔde adom mo no, wɔn nso anya bi.+

8 Afei mo nyinaa nyɛ adwenkoro,+ na munnya tema, onuadɔ, ayamhyehye,+ ne ahobrɛase.+ 9 Mommfa bɔne nntua bɔne so ka,+ na mommfa adapaatwa nntua adapaatwa so ka.+ Mmom munhyira nkurɔfo+ na mo nsa aka nhyira, efisɛ eyi ne asetena a wɔfrɛɛ mo baa mu.

10 Na “nea ɔdɔ nkwa na ɔpɛ sɛ n’ani gye wɔ asetenam* no, ma ɔnhwɛ ne tɛkrɛma yiye na anka asɛmmɔne,+ na ɔnhwɛ n’ano yiye na anka nnaadaasɛm. 11 Ma ɔntwe ne ho mfi bɔne ho+ na ɔnyɛ papa;+ ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyi.+ 12 Yehowa* ani wɔ atreneefo so, na wayɛ aso ama wɔn nkotosrɛ;+ wɔn a wɔyɛ bɔne no de, Yehowa* ani sa wɔn.”+

13 Na sɛ mobɔ papayɛ ho mmɔden a, hena na ɔbɛhaw mo?+ 14 Na sɛ trenee nti muhu amane mpo a, mowɔ anigye.+ Nanso nneɛma a ehunahuna wɔn no,* munnsuro, na mommma ɛmmɔ mo hu.+ 15 Mmom no, mummu Kristo wɔ mo komam sɛ ɔyɛ kronkron na ɔno ne Awurade. Munsiesie mo ho sɛ bere biara a obi bebisa anidaso a mowɔ no ho biribi no, mubeyi no ano, nanso monyɛ no odwo+ ne nidi*+ mu.

16 Munkura ahonim* pa mu+ sɛnea ɛbɛyɛ a asɛmmɔne biara a nkurɔfo bɛka afa mo ho no, ɔbra pa a mobɔ de kyerɛ sɛ moyɛ Kristofo+ no bɛma wɔn ani awu.+ 17 Na sɛ muhu amane adepa ho, na Onyankopɔn ma kwan saa a, eye+ sen sɛ mobɛyɛ bɔne ahu amane.+ 18 Bɔne nti Kristo wui prɛko;+ ɔtreneeni wu maa abɔnefo+ na ɔde mo akɔ Onyankopɔn nkyɛn.+ Wokum no ɔhonam mu+ nanso wɔma ɔtenaa ase honhom mu.+ 19 Tebea yi mu na na ɔwɔ a ɔkɔkaa asɛm kyerɛɛ ahonhom a wɔwɔ afiase+ no. 20 Wɔn na Noa bere so no,+ wɔyɛɛ asoɔden bere a Onyankopɔn nyaa abotare twɛnee* no. Saa bere no na wɔyɛɛ adaka+ de koraa nnipa kakra so, kyerɛ sɛ, akra* baawɔtwe, na wɔde wɔn twaa nsuyiri no.+

21 Nea ɛte sɛ eyi ne asubɔ, na seesei ɛnam Yesu Kristo wusɔre so gye mo nkwa; ɛnyɛ sɛ eyi yɛn honam ho fĩ, na mmom ɛyɛ adesrɛ a yɛde to Onyankopɔn anim de bisa ahonim pa.+ 22 Ɔkɔɔ soro, na ɔwɔ Onyankopɔn nsa nifa;+ na wɔde abɔfo ne atumfo ne ahoɔdenfo ahyɛ n’ase.+

4 Esiane sɛ Kristo huu amane ɔhonam mu+ nti, mo nso momfa adwenkoro* no ara nhyɛ mo ho den; efisɛ obiara a ohu amane ɔhonam mu no akyerɛ sɛ watwe ne ho afi bɔne ho,+ 2 sɛnea ɛbɛyɛ na ne nna a aka wɔ ɔhonam mu no, ɔrentena ase nyɛ nnipa akɔnnɔde,+ na mmom ɔde bɛyɛ Onyankopɔn apɛde.+ 3 Na bere a mode yɛɛ nea amanaman no pɛ+ no ara dɔɔso. Saa bere no, mode mo ho hyɛɛ ahohwi,* akɔnnɔ bɔne, asanom bebrebe, apontow a ase yɛ gyegyeegye, akɔwensafo fekuw, ne abosonsom a ɛyɛ abofono mu.+ 4 Esiane sɛ mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa nneɛma funu no mu bio nti, ɛyɛ wɔn nwonwa na wɔkasa tia mo.+ 5 Nanso saa nnipa yi bebu akontaa akyerɛ nea wasiesie ne ho sɛ ɔrebebu ateasefo ne awufo atɛn no.+ 6 Eyi nti na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ awufo+ nso, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wobu wɔn atɛn ɔhonam mu wɔ nnipa ani so mpo a, Onyankopɔn ani so de, honhom no bɛkyerɛ wɔn abrabɔ kwan.

7 Nanso ade nyinaa awiei abɛn. Enti momma mo adwenem nna hɔ,+ na monyɛ krado* sɛ mobɛbɔ mpae bere nyinaa.+ 8 Nea ɛsen biribiara no, monnodɔ mo ho denneennen,+ efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.+ 9 Obiara nsom ne yɔnko hɔho a anwiinwii biara nnim.+ 10 Akyɛde a obiara nsa aka no, ɔmfa nsom ne yɔnko sɛ ofiehwɛfo pa a wɔde Onyankopɔn dom akyɛde a ɛyɛ adwuma akwan horow pii so+ no ahyɛ ne nsa. 11 Sɛ asɛm bi na obi reka a, ma ɔnka no sɛ Onyankopɔn asɛm; sɛ obi resom a, ma ɔmfa ne ho nto ahoɔden a efi Onyankopɔn hɔ no so;+ ɛno bɛma nkurɔfo afa Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ biribiara mu.+ Ɔno na anuonyam ne ahoɔden wɔ no daa daa. Amen.

12 Adɔfo, mommma sɔhwɛ a morefa mu a ɛma mo ho hyehye mo no nnyɛ mo nwonwa+ te sɛ nea biribi a ɛyɛ hu bi na ato mo. 13 Mmom no, monkɔ so mma mo ani nnye+ sɛ munya Kristo amanehunu no mu kyɛfa,+ na sɛ woyi n’anuonyam nso adi a, mo ani agye adi ahurusi.+ 14 Sɛ Kristo din nti wogu mo anim ase* a, mo ani gye,+ efisɛ Onyankopɔn honhom a ɛyɛ anuonyam honhom no wɔ mo so.

15 Nanso ɛnsɛ sɛ mo mu biara hu amane sɛ owudifo anaa ɔkorɔmfo anaa ɔdebɔneyɛfo anaa obi a ɔde ne ho gyigye nkurɔfo nsɛm mu.+ 16 Sɛ obi hu amane sɛ Kristoni a, ɛnsɛ sɛ ɔma n’ani wu,+ na mmom ɛsɛ sɛ ɔkɔ so bɔ ne bra sɛ Kristoni de hyɛ Onyankopɔn anuonyam. 17 Bere adu sɛ atemmu no fi ase wɔ Onyankopɔn fi.+ Na sɛ ebefi ase wɔ yɛn so+ a, ɛnde ebewie wɔn a wontie Onyankopɔn asɛmpa no dɛn?+ 18 “Na sɛ ɔtreneeni mpo, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobegye no a, ɛnde omumɔyɛfo ne ɔbɔnefo begyina he?”+ 19 Enti wɔn a Onyankopɔn apɛde nti wɔrehu amane no, wɔnkɔ so nyɛ papa na wɔmfa wɔn ho* nhyɛ Ɔbɔadeɛ nokwafo no nsa.+

5 Enti mpanyimfo a wɔwɔ mo mu no, me a meyɛ ɔpanyin te sɛ wɔn, ne Kristo amanehunu ho dansefo, na mewɔ kyɛfa wɔ anuonyam a wɔrebeyi no adi+ mu no, mitu wɔn fo sɛ: 2 Monyɛn Onyankopɔn nguankuw+ a wɔhyɛ mo nsa no. Munyi mo yam nhwɛ wɔn so* mma Onyankopɔn,+ ɛnyɛ amemenemfe so anaa adifudepɛ nti,+ na mmom momfa anigye nyɛ; 3 monnhyɛ wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn agyapade no so,*+ na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no nsuasua.+ 4 Na bere a wɔbɛda oguanhwɛfo panyin+ no adi no, mubenya anuonyam abotiri a ɛnsɛe da.+

5 Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase nhyɛ mpanyimfo no ase.+ Na obiara mmrɛ ne ho ase* mma ne yɔnko,* efisɛ Onyankopɔn ko tia ahantanfo, na ahobrɛasefo de, ɔdom wɔn.+

6 Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Otumfo Nyankopɔn* ase na wama mo so bere a ɛsɛ mu,+ 7 na montow mo dadwen* nyinaa ngu no so,+ efisɛ odwen mo ho.+ 8 Mo ani nna hɔ na monwɛn!+ Mo tamfo Bonsam nenam sɛ gyata a ɔrebobom, na ɔrepɛ obi akyere no awe.+ 9 Nanso momfa gyidi nnyina hɔ pintinn ne no nko,+ na munhu sɛ amanehunu koro no ara na mo nuanom* a wɔwɔ wiase nyinaa hyia.+ 10 Na sɛ muhu amane kakra a, adom nyinaa Nyankopɔn a ɔnam Kristo so frɛɛ mo baa ne daa anuonyam mu+ no ankasa bewie mo ntetee. Ɔbɛma mo ase atim,+ ɔbɛma moayɛ den,+ na ɔbɛma moagyina pintinn. 11 Ɔno na tumi wɔ no daa. Amen.

12 Menam onua Silwano*+ a mibu no ɔnokwafo no so akyerɛw mo nsɛm kakra yi. Mede rebɛhyɛ mo nkuran de adi mo adanse turodoo sɛ eyi ne Onyankopɔn adom no ankasa. Ɛno mu na munnyina pintinn. 13 Ɔbea* a ɔwɔ Babilon a wɔapaw no sɛ mo ara no kyia mo, na me ba Marko+ nso kyia mo. 14 Momfa ɔdɔ mfewano nkyiakyia mo ho.

Asomdwoe nka mo a mowɔ Kristo mu nyinaa.

Anaa “pa mu.”

Anaa “mo kra nkwagye.”

Anaa “munnsuasua bio.”

Anaa “munya fii atetesɛm mu.”

Anaa “ansa na wɔrenyinsɛn awo nnipa (Greek, kosmos),” kyerɛ sɛ, Adam ne Hawa mma.

Anaa “adwira mo kra.”

Kyerɛ sɛ, aba a etumi fifi anaa etumi sow.

Anaa “nnipa.”

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “anim rengu ase.”

Nt., “tweatibo.”

Nt., “suban pa,” kyerɛ sɛ, ne suban ne ne nneyɛe a ɛsɛ ayeyi.

Anaa “ɛne ɔkra no.”

Nt., “ɛbɛyɛ nnareka ama nnipa a wɔnte asɛm ase.”

Anaa “yi mo ho ano.”

Nt., “anuanom nkabom.”

Anaa “Tiboa.”

Anaa “odi awerɛhow; odi yaw.”

Anaa “wɔsopaa.”

Anaa “wansopa.”

Anaa “nkwa.”

Anaa “mokɔ so te wɔn ase.”

Nt., “ɔpɛ sɛ ohu nna pa.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Ebetumi nso akyerɛ, “wɔn ahunahuna no.”

Anaa “obu kɛse.”

Anaa “tiboa.”

Nt., “bere a Onyankopɔn abotare twɛnee.”

Anaa “nnipa.”

Anaa “tirimbɔ koro.”

Anaa “aniwude.” Efi Greek asɛmfua a·sel′gei·a mu. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “mo ani nna hɔ; monwɛn.”

Anaa “wɔyeyaw mo.”

Anaa “wɔn kra.”

Anaa “nyɛ wɔn so ahwɛfo.”

Anaa “munnni wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn agyapade no so bakoma.”

Anaa “mfa ahobrɛase mmɔ n’asen.”

Anaa “obiara nnya ahobrɛase adwene mma ne yɔnko.”

Nt., “Onyankopɔn tumi nsa.”

Anaa “haw; adwinnwen.”

Anaa “anuanom nkabom.”

Ɔno ara na wɔfrɛ no Silas no.

Ebetumi aba sɛ “ɔbea” a wɔaka ne ho asɛm wɔ ha no yɛ asafo bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena