Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt 1 Yohane 1:1-5:21
  • 1 Yohane

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1 Yohane
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
1 Yohane

YOHANE NHOMA A EDI KAN

1 Nkwa asɛm+ a na ɛwɔ hɔ fi mfiase no, ɛho asɛm a yɛate, ɛho asɛm a yɛde yɛn aniwa ahu, ɛho asɛm a yɛahwɛ no yiye, ɛho asɛm a yɛde yɛn nsa aka, 2 (yiw, woyii nkwa no adi kyerɛe, na daa nkwa+ a na ɛwɔ Agya no nkyɛn a woyii no adi kyerɛɛ yɛn no, yɛahu, yɛredi ho adanse,+ na yɛreka ho asɛm akyerɛ mo), 3 nea yɛahu, ne nea yɛate no, ɛno na yɛreka akyerɛ mo nso,+ sɛnea ɛbɛyɛ a mo nso, mo ne yɛn benya ayɔnkofa, ayɔnkofa a ɛwɔ yɛne Agya no ne ne Ba Yesu Kristo ntam+ no bi. 4 Na yɛrekyerɛw eyinom sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn anigye bedi mu.*

5 Eyi ne asɛm a yɛate afi ne nkyɛn a yɛreka akyerɛ mo: Onyankopɔn yɛ hann,+ na esum biara nni ne mu. 6 Sɛ yɛka sɛ, “Yɛne no wɔ ayɔnkofa,” na sɛ yɛkɔ so nantew sum no mu a, ɛnde na yɛredi atoro, na yɛmfa nokware no mmɔ yɛn bra.+ 7 Na sɛ yɛnam hann no mu sɛnea ɔno ankasa wɔ hann no mu no a, ɛnde na yɛne yɛn ho yɛn ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu mogya hohoro yɛn ho fi bɔne nyinaa ho.+

8 Sɛ yɛka sɛ, “Bɔne nni yɛn ho” a, na yɛredaadaa yɛn ho,+ na nokware no nni yɛn mu. 9 Sɛ yɛka yɛn bɔne a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni, enti ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na ɔbɛhohoro yɛn ho afi nea ɛnteɛ nyinaa ho.+ 10 Sɛ yɛka sɛ, “Yɛnyɛɛ bɔne” a, na yɛrema wayɛ ɔtorofo, na n’asɛm nni yɛn mu.

2 Me mma nkumaa, merekyerɛw eyinom abrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Nanso ɛba sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔboafo* bi wɔ Agya no nkyɛn. Ɔno ne ɔtreneeni+ Yesu Kristo.+ 2 Ɔyɛ mpata afɔre+ ma yɛn bɔne;+ ɛnyɛ yɛn nko ara de, na mmom wiase nyinaa nso de ka ho.+ 3 Sɛ yɛkɔ so di n’ahyɛde so a, ɛno na ɛma yehu sɛ yenim no. 4 Sɛ obi ka sɛ, “Minim no,” na wanni n’ahyɛde so a, ɔyɛ ɔtorofo, na nokware no nni saa onipa no mu. 5 Na obiara a odi n’asɛm so no, saa onipa yi mu na Onyankopɔn dɔ awie pɛyɛ+ ampa. Eyi na ɛma yehu sɛ yɛne no yɛ baako.+ 6 Nea ɔka sɛ ɔne no yɛ baako no, ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔkɔ so nantew sɛnea onii no nantewee no.+

7 Adɔfo, nea merekyerɛw abrɛ mo yi, ɛnyɛ ahyɛde foforo. Mmom ɛyɛ ahyɛde dedaw a munya fii mfiase no.+ Ahyɛde dedaw yi ne asɛm a motee no. 8 Bio nso, merekyerɛw ahyɛde foforo abrɛ mo. Saa ahyɛde no yɛ nokware wɔ ɔno ne mo nyinaa fam, efisɛ esum no retwam, na nokware hann no rehyerɛn dedaw.+

9 Sɛ obi ka sɛ ɔwɔ hann no mu, na ɔtan+ ne nua a, ɔda so ara wɔ sum no mu.+ 10 Nea ɔdɔ ne nua no, ɔte hann no mu,+ na hintidua biara nni ne mu. 11 Na obi a ɔtan ne nua de, ɔte sum mu,+ na ɔnam sum mu, na onnim baabi a ɔrekɔ,+ efisɛ esum no afura n’ani.

12 Mma nkumaa, merekyerɛw mo, efisɛ ne din nti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.+ 13 Agyanom, merekyerɛw mo, efisɛ moabehu nea ɔwɔ hɔ fi mfiase no. Mmerante, merekyerɛw mo, efisɛ moadi ɔbɔnefo no so nkonim.+ Mmofra nkumaa, merekyerɛw mo, efisɛ moabehu Agya no.+ 14 Agyanom, merekyerɛw mo, efisɛ moabehu nea ɔwɔ hɔ fi mfiase no. Mmerante, merekyerɛw mo, efisɛ mo ho yɛ den,+ na Onyankopɔn asɛm te mo mu,+ na moadi ɔbɔnefo no so nkonim.+

15 Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase.+ Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no ho dɔ nni ne mu.+ 16 Efisɛ nea ɛwɔ wiase nyinaa, ɔhonam akɔnnɔ+ ne aniwa akɔnnɔ+ ne asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho* no, emfi Agya no, na mmom efi wiase. 17 Afei nso, wiase ne n’akɔnnɔ retwam,+ na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.+

18 Mmofra nkumaa, bere a edi akyiri no ni. Sɛnea moate sɛ nea ɔsɔre tia Kristo* no reba+ no, seesei mpo, wɔn a wɔsɔre tia Kristo* bebree aba.+ Eyi na ɛma yehu sɛ bere a edi akyiri no ni. 19 Wofi yɛn mu na ɛkɔe, nanso na wɔnka yɛn ho.*+ Sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenae. Nanso wofii yɛn mu kɔe sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ obiara na ɔka yɛn ho.+ 20 Na mo de, ɔkronkronni no+ asra mo, na mo nyinaa mowɔ nimdeɛ. 21 Ɛnyɛ sɛ munnim nokware no+ nti na merekyerɛw mo. Mmom nea enti a merekyerɛw mo ne sɛ, munim nokware no, na atoro biara mfi nokware no mu mma.+

22 Hena ne ɔtorofo? Ɔno ne nea onnye ntom sɛ Yesu ne Kristo+ no. Oyi ne nea ɔsɔre tia Kristo*+ no, nea ɔpo Agya no ne Ɔba no. 23 Obiara a ɔpo Ɔba no, onni Agya no nso.+ Na obiara a ogye Ɔba no tom+ no, ɔwɔ Agya no nso.+ 24 Mo de, nea moate afi mfiase no, momma ɛntena mo mu.+ Sɛ nea moate afi mfiase no tena mo mu a, mo nso mobɛtena Ɔba no mu, na moatena Agya no mu. 25 Bio nso, eyi ne ade a ɔno ara de hyɛɛ yɛn bɔ no, daa nkwa.+

26 Nea merekyerɛw abrɛ mo yi, ɛfa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo no ho. 27 Na mo de, ɔsra a munya fii ne hɔ+ no te mo mu, na enhia sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; mmom sɛnea ɔsra a munya fii ne hɔ no kyerɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa+ na ɛyɛ nokware na ɛnyɛ atoro no, sɛnea ɛkyerɛkyerɛɛ mo no, mo ne nea ɔsraa mo no nyɛ baako.+ 28 Enti afei, mma nkumaa, mo ne no nyɛ baako, na sɛ wɔda no adi a, yɛatumi akasa ahotoso mu,+ na yɛamfa aniwu amfi n’anim wɔ ne mmae no mu. 29 Sɛ munim sɛ ɔyɛ ɔtreneeni a, ɛnde munim nso sɛ, obiara a ɔyɛ adetrenee no, ɔno na ɔwoo no.+

3 Monhwɛ ɔdɔ kɛse a Agya no de adɔ yɛn.+ Ɛno ne sɛ, wɔafrɛ yɛn Onyankopɔn mma!+ Na yɛyɛ ne mma nso. Eyi nti na wiase no nnim yɛn no,+ efisɛ ennim no.+ 2 Adɔfo, seesei yɛyɛ Onyankopɔn mma,+ nanso yennya nhuu sɛnea yɛbɛyɛ daakye.+ Nso yenim sɛ, sɛ ɔda ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, efisɛ yebehu no sɛnea ɔte no ara. 3 Na obiara a ɔwɔ saa anidaso yi wɔ ne mu no ma ne ho tew,+ sɛnea ɔno nso ho tew no.

4 Obiara a ɔte bɔne mu no, ɔte mmarato mu nso, na bɔne yɛ mmarato. 5 Munim nso sɛ, woyii no adi sɛ ommeyi yɛn bɔne mfi hɔ,+ na bɔne nni ne mu. 6 Obiara a ɔne no ayɛ baako no ntena bɔne mu;+ obiara a ɔte bɔne mu no nhuu no, na onnim no nso. 7 Mma nkumaa, mommma obiara nnnaadaa mo; nea ɔyɛ adetrenee no yɛ ɔtreneeni sɛnea ɔno nso yɛ ɔtreneeni no. 8 Nea ɔte bɔne mu no fi Ɔbonsam, efisɛ Ɔbonsam na wayɛ bɔne fi mfiase.*+ Eyi nti na woyii Onyankopɔn Ba no adi, sɛ ɔmmɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.+

9 Obiara a Onyankopɔn awo no no ntena bɔne mu,+ efisɛ Onyankopɔn aba* te onii no mu. Ɔrentumi ntena bɔne mu, efisɛ Onyankopɔn na awo no.+ 10 Nea ɛma yehu Onyankopɔn mma ne Ɔbonsam mma ni: Obiara a ɔnyɛ adetrenee no, omfi Onyankopɔn, na nea ɔnnɔ ne nua no nso mfi Onyankopɔn.+ 11 Eyi ne asɛm a mote fii mfiase no. Ɛne sɛ, yɛnnodɔ yɛn ho.+ 12 Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Kain a na ofi ɔbɔnefo no a okum ne nua no.+ Na adɛn nti na okum no? Efisɛ na ɔno ara ne nnwuma yɛ bɔne,+ na na ne nua no nnwuma teɛ.+

13 Anuanom, mommma ɛnnyɛ mo nwonwa sɛ wiase no tan mo.+ 14 Yenim sɛ yɛafi owu mu aba nkwa mu,+ efisɛ yɛdɔ anuanom.+ Nea onni dɔ no te owu mu.+ 15 Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudifo,+ na munim sɛ owudifo biara nni hɔ a daa nkwa te ne mu.+ 16 Nea ama yɛahu nea ɔdɔ kyerɛ ne sɛ, ɔde ne nkwa* too hɔ maa yɛn,+ na yɛn nso, ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛde yɛn nkwa* to hɔ ma yɛn nuanom.+ 17 Sɛ obi wɔ wiase ahonyade, na ohu sɛ ahia ne nua, na wanhu no mmɔbɔ a, dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ te ne mu?+ 18 Mma nkumaa, mommma yɛmmfa ano anaa tɛkrɛma nnnɔ,+ na mmom yɛmfa yɛn nneyɛe nkyerɛ yɛn dɔ,+ na yɛnnɔ wɔ nokware mu.+

19 Eyi na ɛbɛma yɛahu sɛ yefi nokware no mu, na yɛbɛma yɛn koma anya awerɛhyem wɔ n’anim. 20 Na sɛ yɛn koma bu yɛn fɔ wɔ biribi mu mpo a, Onyankopɔn so sen yɛn koma, na onim nneɛma nyinaa.+ 21 Adɔfo, sɛ yɛn koma mmu yɛn fɔ a, ɛnde yetumi de ahotoso kasa wɔ Onyankopɔn anim;+ 22 na biribiara a yebisa no, yenya fi ne hɔ,+ efisɛ yedi n’ahyɛde so, na yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. 23 N’ahyɛde no ara ne sɛ, yebenya gyidi wɔ ne Ba Yesu Kristo din mu,+ na yɛadodɔ yɛn ho+ sɛnea ahyɛde a ɔde maa yɛn no kyerɛ no. 24 Bio nso, nea odi n’ahyɛde so no ne no yɛ baako, na ɔno nso ne onii no yɛ baako.+ Na honhom a ɔde maa yɛn no na ɛma yehu sɛ ɔne yɛn yɛ baako.+

4 Adɔfo, munnnye honhom mu nsɛm+ nyinaa* nnni. Mmom monsɔ honhom mu nsɛm* no nhwɛ sɛ efi Onyankopɔn hɔ anaa,+ efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.+

2 Nea ɛbɛma moahu sɛ honhom mu nsɛm no fi Onyankopɔn hɔ ni: Honhom mu nsɛm biara a ɛka sɛ Yesu Kristo baa ɔhonam mu no fi Onyankopɔn hɔ.+ 3 Na honhom mu nsɛm biara a ɛnka sɛ Yesu baa ɔhonam mu no de, emfi Onyankopɔn.+ Afei nso, eyi ne honhom mu nsɛm a motee sɛ ebefi nea ɔsɔre tia Kristo* no hɔ aba no,+ na seesei anya aba wiase.+

4 Mma nkumaa, mufi Onyankopɔn, na moadi wɔn* so nkonim.+ Efisɛ nea ɔwɔ mo afã no+ so sen nea ɔwɔ wiase no afã.+ 5 Wɔn de, wofi wiase.+ Ɛno nti, wɔka nsɛm a efi wiase, na wiase no tie wɔn.+ 6 Yɛn de, yefi Onyankopɔn. Obiara a onim Onyankopɔn no tie yɛn;+ na obiara a omfi Onyankopɔn no ntie yɛn.+ Eyi na yɛde hu honhom mu nsɛm a ɛyɛ nokware ne honhom mu nsɛm a ɛyɛ atoro.*+

7 Adɔfo, momma yɛnkɔ so nnodɔ yɛn ho,+ efisɛ ɔdɔ fi Onyankopɔn. Na obiara a ɔwɔ ɔdɔ no, Onyankopɔn na awo no, na onim Onyankopɔn.+ 8 Obiara a onni dɔ no, onnim Onyankopɔn, efisɛ Onyankopɔn ne dɔ.+ 9 Eyi ne ɔkwan a wɔnam so yii Onyankopɔn dɔ kyerɛɛ yɛn. Ɛne sɛ, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro+ no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa.+ 10 Nea saa ɔdɔ yi kyerɛ ni: Ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn. Na ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔre+ mpata mma yɛn bɔne.*+

11 Adɔfo, sɛ saa na Onyankopɔn dɔɔ yɛn a, ɛnde yɛn nso, ɛsɛ sɛ* yɛdodɔ yɛn ho.+ 12 Obiara nhuu Onyankopɔn da.+ Sɛ yɛkɔ so dodɔ yɛn ho a, Onyankopɔn da so ara ka yɛn ho, na ne dɔ wie pɛyɛ wɔ yɛn mu.+ 13 Eyi na ɛma yehu sɛ yɛne no yɛ baako, na ɔno nso ne yɛn yɛ baako, efisɛ ɔde ne honhom ama yɛn. 14 Bio nso, yɛn ara yɛahu, na yɛadi ho adanse sɛ, Agya no asoma ne Ba no sɛ wiase Agyenkwa.+ 15 Obiara a ogye tom sɛ Yesu ne Onyankopɔn Ba+ no, Onyankopɔn ne no yɛ baako, na ɔno nso ne Onyankopɔn yɛ baako.+ 16 Na yɛabehu, na yegye di sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn.+

Onyankopɔn ne dɔ,+ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no, ɔne Onyankopɔn yɛ baako, na Onyankopɔn ne no yɛ baako.+ 17 Saa kwan yi so na ɔdɔ wie pɛyɛ wɔ yɛn mu, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de ahotoso akasa+ atemmu da no, efisɛ sɛnea ɔno* te no, saa ara na yɛn nso yɛte wɔ wiase yi mu. 18 Ehu biara nni ɔdɔ mu.+ Ɔdɔ a ewie pɛyɛ pam ehu, efisɛ ehu siw yɛn kwan. Nokwasɛm ne sɛ, obi a ehu aka no no, ne dɔ nwiee pɛyɛ.+ 19 Yɛda ɔdɔ adi, efisɛ ɔno na odii kan dɔɔ yɛn.+

20 Sɛ obi ka sɛ, “Medɔ Onyankopɔn” na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo.+ Efisɛ nea ɔnnɔ ne nua+ a ohu no no, ɔrentumi nnɔ Onyankopɔn a onhu no+ no. 21 Na ahyɛde yi na yɛanya afi ne hɔ sɛ, nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.+

5 Obiara a ogye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na awo no.+ Na obiara a ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔdɔ nea Onyankopɔn awo no. 2 Eyi na ɛma yehu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma.+ Ɛne sɛ, yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadi n’ahyɛde so. 3 Nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ ni: Ɛno ne sɛ yebedi n’ahyɛde so;+ na n’ahyɛde nyɛ adesoa,+ 4 efisɛ obiara* a Onyankopɔn awo no no, odi wiase so nkonim.+ Na nea yɛde adi wiase so nkonim ne yɛn gyidi.+

5 Hena na obetumi adi wiase so nkonim?+ Ɛnyɛ nea ogye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba+ no anaa? 6 Oyi ne nea ɔnam nsu ne mogya so bae no, Yesu Kristo. Ɛnyɛ nsu no nko ara+ na ɔnam so bae, na mmom ɔnam nsu no ne mogya no+ so. Na honhom no di adanse,+ efisɛ honhom no ne nokware no. 7 Na nneɛma abiɛsa na edi adanse: 8 honhom+ no ne nsu+ no ne mogya+ no; na abiɛsa no nyinaa adanse hyia.

9 Sɛ yegye nnipa adanse tom a, ɛnde Onyankopɔn adanse de, yegye tom koraa. Efisɛ eyi ne adanse a Onyankopɔn de ama, adanse a wadi afa ne Ba no ho no. 10 Nea ogye Onyankopɔn Ba no di no wɔ adanse no wɔ ne mu. Nea onnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofo,+ efisɛ adanse a Onyankopɔn adi wɔ ne Ba no ho no, wannye anni. 11 Na adanse no ni: Onyankopɔn maa yɛn daa nkwa,+ na saa nkwa yi wɔ ne Ba no mu.+ 12 Nea ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no; nea onni Onyankopɔn Ba no nni saa nkwa no.+

13 Merekyerɛw eyinom abrɛ mo a mugye Onyankopɔn Ba no+ din di no, na moahu sɛ mowɔ daa nkwa.+ 14 Yɛwɔ ahotoso wɔ Onyankopɔn mu+ sɛ,* biribiara a yebebisa a ɛne n’apɛde hyia no, obetie yɛn.+ 15 Na esiane sɛ yenim sɛ otie biribiara a yebisa no nti, yenim sɛ yɛn nsa bɛka nea yɛabisa no, efisɛ yɛabisa afi ne hɔ.+

16 Sɛ obi hu sɛ ne nua reyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu a, ɔmmɔ mpae* mma no, na Onyankopɔn bɛma ne nua no nkwa,+ yiw, ɔde bɛma wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a, ɛkɔ owu mu.+ Saa bɔne no ho de, menka sɛ ɔmmɔ mpae.* 17 Nea ɛnteɛ nyinaa yɛ bɔne,+ nanso bɔne bi wɔ hɔ a, ɛnkɔ owu mu.

18 Yenim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no no ntena bɔne mu, mmom nea Onyankopɔn awo no no* hwɛ no so, na ɔbɔnefo no ntumi mfa ne nsa nka no.*+ 19 Yenim sɛ yefi Onyankopɔn, nanso wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.+ 20 Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba,+ na wama yɛn adwene* sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya ɔnokwafo no ho nimdeɛ. Yɛnam ɔnokwafo no Ba Yesu Kristo so ne ɔnokwafo no ayɛ baako.+ Eyi ne nokware Nyankopɔn no ne daa nkwa no.+ 21 Mma nkumaa, monhwɛ mo ho yiye wɔ ahoni ho.+

Anaa “bewie pɛyɛ.”

Anaa “ɔkamafo.”

Anaa “ahonyade a nnipa de hoahoa wɔn ho.”

Anaa “antikristo.”

Anaa “antikristo.”

Anaa “wɔnyɛ yɛn dea.”

Anaa “antikristo.”

Nt., “efi bere a ɔhyɛɛ ase,” kyerɛ sɛ, efi bere a odii kan tew atua tiaa Onyankopɔn.

Kyerɛ sɛ, aba a etumi fifi anaa etumi sow.

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Nt., “honhom biara.”

Nt., “ahonhom no.”

Anaa “antikristo.”

Kyerɛ sɛ, atoro adiyifo.

Anaa “nnaadaa.”

Anaa “ɔmmɛyɛ mpata afɔre.”

Anaa “ɛyɛ yɛn asɛde sɛ.”

Kyerɛ sɛ, Yesu Kristo.

Nt., “biribiara.”

Anaa “Nea ɛma yɛde ahotoso kasa wɔ n’anim ne sɛ.”

Anaa “ommisa; ɔnsrɛ.”

Anaa “ommisa; ɔnsrɛ.”

Kyerɛ sɛ, Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no.

Anaa “ntumi nso ne mu.”

Nt., “nyansa; nhumu; ntease.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena