Afei De Wubetumi Atie Nnwom Nhoma No Mu Nsɛm A Wɔakyere Agu Hama So Bere Biara—Anɔpa, Awia Anaa Anwummere
Ɔkwan a ɛyɛ anigye a wobɛfa so afi da no ase, anaa wubegye w’ahome, anaa wubedwudwo wo ho ama nna, anaa biribi foforo biara bɛn ni!
Wɔakyere nsɛm a ɛyɛ dɛ na ɛkanyan adwene a Bible mu Nnwom nhoma no akyerɛwfo daa no adi no agu hama so afei. Ɔkwan a wɔfaa so kenkanee no ma anwensɛm no mu da hɔ pefee na wunya mu ntease kɛse nso.
Ɛbɛyɛ anigye sɛ wubenya eyi bi aka nea w’abusua no wɔ dedaw no ho. Ɛyɛ casette ahorow anum a egye bɛyɛ nnɔnhwerew asia. Ne bo yɛ ¢225 pɛ.
Mesrɛ mo momfa Bible mu Nnwom nhoma no mu nsɛm a wɔakyere agu cassette ahorow anum so no mmana me. Mede ¢225 ahyɛ mu de retua ka.