Kratafa Abien
Iguaçú Aworoso a ɛyɛ wiase abɔde mu anwonwade ahorow mu biako no. Bere a nsonsonoe wɔ ne sorokɔ mu fi anammɔn 200 kosi 270, ne trɛw yɛ akwansin 2 1/2, na nsu a emu dɔ yɛ anammɔn 450,000 hwie gu aworoso nketewa ahorow bɛyɛ 275 mu anibu biara mu no, Iguaçú (ē-gwä-sōōʹ) yɛ ade sɛnea ne din no nkyerɛase a ɛne “asu kɛse” no te.
Aworoso no yɛ Brazil ne Argentina ntam ɔhye. Aman abien no nyinaa ayeyɛ ɔman nturo de rekora ne fɛ no so. Afifide ahorow nyin fɛfɛ wɔ omunukum no mu. Asebɔ, atwe ne mmoa afoforo nenam kwae a atwa ho ahyia no mu. Nnomaa ahorow a ɛyɛ aniwa fɛ wɔ hɔ. Mfonfantɔ mununkum tu nenam hɔ na mpɛn pii no wobesisi nsrahwɛfo so home. Nyankontɔn hyerɛn wɔ mununkum a esi nsu a ɛresen no so no mu.
Nanso, bere tenten bɛn na Iguaçú fɛ a ɛyɛ nwonwa no bɛkɔ so ama nnipa 3,000,000 a wɔbɛsra hɔ afe biara no ho adwiriw wɔn? Wɔreka sɛnea wɔbɛtwetwe anyinam ahoɔden afi Aworoso no mu ho asɛm dedaw. So onipa bɛsɛe Iguaçú fɛw a ɛyɛ no sɛnea wayɛ wɔ Asase okyinsoromma no fã kɛse no? Anaasɛ so ɔbɛkora saa “asu kɛse” anwonwade yi so de ama ne mma ne wɔn mma ani agye?