Kratafa Abien
Wɔ dapɛn mu nna no mu no, wɔde nkokoaa a wɔahyɛ wɔn ase ne mmofra a wɔn nan nnyee fam a wɔreyeram ɔpepem pii kogu mmofra ahwɛe ahorow mu. Wɔ mmofra pii fam no, fie a wofi kɔ mmofra ahwɛe no yɛ mmerɛw.
Wɔn a aka wɔn hɔ no yɛ ho ade anigye so—anaasɛ wontumi nyɛ ho hwee. Ebia mmofra afoforo besu na wɔaka wɔn ho abata wɔn nanom. Nanso, nsɛm kakraa bi a efi Mama hɔ a ɛma awerɛhyem taa ma nusu no gyae ba. Sɛ anyɛ saa a, mmofra ahwɛe odwumayeni bi bɛso werɛ a wɔnkyekye no mu efisɛ sɛ wosu anaa dabi no, ɛsɛ sɛ mmea no kɔ adwuma. Na wɔ nnɔnhwerew du a edi hɔ no mu no, ɛsɛ sɛ mmofra ahwɛee no si Mama ananmu . . .