Kratafa Abien
Wiase no nyinaa ani wɔ South Africa so esiane ne mmusua ne amammui mu basabasayɛ nti. Nanso, nnipa kakraa bi na wonim afã titiriw a South Africa Protestantsom anya no. Enti afei Nyan! repɛɛpɛe nyamesom mu nsɛmpɔw ahorow a ɛyɛ nwonwa a ɛhyɛ nsɛntitiriw ahorow no akyi no mu.