Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 5/8 kr. 31
  • Hemingway ne Fasistfo Nkyia no

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hemingway ne Fasistfo Nkyia no
  • Nyan!—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Frankaa Kyia, Ɔman Nnwom Ne Abatow
    Sukuu ne Yehowa Adansefo
  • Abrabɔ Gyinapɛn a Ɛfata Obu
    Yehowa Adansefo ne Nhomasua
  • Dɛn na Wo Ba Bɛka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • “Nyamesom Mu Ɔtaa Mu Amanehunufo Atitiriw”
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 5/8 kr. 31

Hemingway ne Fasistfo Nkyia no

Wɔ 1938 mu no, mfonini abien bi haw Ernest Hemingway a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo a wagye din no adwene. Na biako yɛ mmofra a wɔawuwu wɔ Barcelona, Spain, a Franco asraafo ɔtopae na ekunkum wɔn wɔ Spainfo Ɔmanko (1936-39) no mu ho mfonini. Nokwarem no, na nnipa 875 a wowuwui wɔ saa bere no mu no mu 118 yɛ mmofra. Na Hemingway susuw ho sɛ hena na ɔhyɛe sɛ wɔntow ɔtopae ngu wɔn a wɔnyɛ asraafo no so no.

New York Herald Tribune mu asɛm bi a ɛkae sɛ Patrick Cardinal Hayes bɔɔ mpae wɔ New York sɛ Ɔsahene Franco asraafo a wɔwɔ Spain no nni nkonim no nso maa Hemingway hawee. Nanso mfonini bɛn ne naa ɛto so abien a ɛhaw ɔkyerɛwfo no?

Na ɛyɛ Spain asraafo mpanyimfo ne asɔfo a wɔwɔ Santiago de Compostela asɔredan a ɛwɔ Spain kusuu fam no anim a wɔrekyia asraafo a wɔbɔ nsra wɔ wɔn anim no ho mfonini. Dɛn na na ɛhaw adwene pii wɔ ɛno ho? Hemingway kyerɛwee sɛ: “Mihuu Ɔsahene Aranda ne Ɔsahene Davila . . . na mihuu nkyia a wɔrekyia no. Ɛyɛ Spainfo asraafo nkyia dedaw no ara. Nea minhu ne nkyia a Lugo Ɔsɔfo Panyin, Santiago Ɔsɔfo Panyin, Ɔsɔfo a ofi Santiago, ne Madrid Ɔsɔfo Panyin rekyia no. So ɛyɛ fasistfo nkyia na wɔrekyia no? So ɛyɛ Nasi ne Italy fasistfo nkyia no?” Na ɛyɛ ɛno ampa!

Mmofra a ɔtopae a Katolekfo tow kunkum wɔn ne Katolek asɔfo a wɔrekyia Nasi-Fasistfo nkyia a Hemingway hui no yɛɛ no ahodwiriw. Ebia na onim sɛ na Spain Katolek asɔfo ahyira Spain ɔmanko no so sɛ ɛyɛ ɔko kronkron. Spainfo bɛboro 500,000 wuwui wɔ saa amammui adwene ho ɔko a ɛmaa Hitler de siesiee ne ho maa Wiase Ko II no mu.

Dɛn na Yakobo, Yesu nua no kyerɛwee no? “Abɔnefo, munnim sɛ dɔ a wɔbɛdɔ wiase no kyerɛ sɛ wɔtan Onyankopɔn? Sɛ obi paw sɛ ɔbɛyɛ wiase adamfo a na wadan Onyankopɔn tamfo.” Kristoman asɔfo pii de wɔn ho abata wiase amammui ne asraafo sodifo ahorow ho.—Yakobo 4:4, The New American Bible, Saint Joseph Edition.

[Kratafa 31 mfonini fibea]

A.G.E. Fotostock

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena