Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 2/8 kr. 32
  • Wɔkyerɛ Nyan! Ho Anisɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔkyerɛ Nyan! Ho Anisɔ
  • Nyan!—1993
Nyan!—1993
g93 2/8 kr. 32

Wɔkyerɛ Nyan! Ho Anisɔ

NSƐMMA nhoma yi akenkanfo pii de aseda ma wɔ nsɛm pii ho nimdeɛ a wonya no ho. Wɔ France kesee fam no, ɔbarima bi ne ne yere a wɔyɛ Yehowa Adansefo nsa kaa krataa a edi so yi fii ɔbarima bi a wɔmaa no Nyan! biako no hɔ:

“Owura ne Awuraa Adɔfo:

“Minim yiye sɛ Onyankopɔn wɔ pii yɛ sen sɛ ɔbɛma ɔpɛ a ɛyɛ serew a yɛwɔ sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔde ne ho begye nsɛm biara mu no bɛbam. Ɛwom sɛ m’ankasa minnye adwene a ɛte sɛɛ nni de, nanso migye di sɛ ba a mobaa hɔ bere a merefi ofie hɔ pɛpɛɛpɛ no nyɛ nea ɛbae ara kwa. Nea minyaa bere yɛe ara ne sɛ megye August 8, 1990 Awake! no nkutoo. Me nsa anka a, anka ɛbɛyɛ awerɛhosɛm kɛse!

“Nkyerɛkyerɛmu a nyansa wom a wɔde ma wɔ ‘Nipa Nniso a Wɔakari wɔ Nsennia Mu’ no mu nsɛm a ɛtoatoaa so bae no kanyan m’anigye, na ɛyɛɛ me nwonwa yiye. Migye sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ nsɛm no mu no tom yiye . . . Enti meresrɛ sɛ mobɛhwɛ ma me nsa aka Nyan! a ebedidi so aba no bi. Merempɛ sɛ nsɛm a ɛbɛtoatoa so aba no bi bɛpa me ti so.”

Yehowa Adansefo yɛ amanaman ntam ahyehyɛde bi a emufo yɛ Bible asuafo bɛboro ɔpepem anan a wɔatu wɔn ho ama sɛ wɔbɛboa nnipa ma wɔasua wiase a atwa wɔn ho ahyia no ne Onyankopɔn Asɛm ne sɛnea ɛbɛbam no ho nsɛm pii. Sɛ w’ani begye ho sɛ wuhu ho nsɛm pii anaa wopɛ sɛ wɔne wo sua Bible no a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower Society, P.O. Box 760, Accra, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena