Baabi a Anantwi Tu
WIASE nyinaa tee Shetland Island mframa a ano yɛ den yiye no ho asɛm wɔ January 5, 1993 mu. Mframa no bɔɔ Braer, po so hyɛn bi a ɛso fam ngo, a ne tenten yɛ mita 243, na emu duru yɛ tɔn 45,000, de kodwiraa ɔbotan yi a ɛwɔ Scotland atifi fam no. Mframa no ne po asorɔkye bubuu po so hyɛn kɛse no mu anan wɔ dapɛn biako ntam.
Ahum a etu denneennen nyɛ ade foforo mma wɔn a wɔte Shetland. Nsupɔw bɛyɛ 100 a atew ne ho, a nea nnipa te so nnu 20 no, na edi kan hyia ahum a ano yɛ nwini yiye a etu fa po no so a hwee nsiw no kwan wɔ baabi a ɛbɛn lceland no.
Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn a wɔte hɔ no taa hu nneɛma a ɛyɛ nwonwa. Ɔbarima bi a wɔfaa n’asɛm kae wɔ The Wall Street Journal mu kae sɛ: “Ebia ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw biribi de si Shetland sɛ: Hwɛ yiye wɔ anantwi a wotu ho.” Mframa bɔɔ ne yɔnko bi nantwi biako fii baabi a odidi kɔe wɔ mfe kakraa bi a atwam no mu. Obi foforo a ɔte hɔ, a ɔyɛ nyansahufo bi kae sɛ ohui sɛ n’agyinamoa “tu” kɔ wim bɛyɛ mita 5 wɔ mframa no mu—nanso bere nyinaa ɔde n‘anan bɛsi fam. Afrikafo taa de nneɛma a emu yɛ duru te sɛ biriw a wotu fi fam gu wɔn lɔre mu na mframa ammɔ amfi lɔre kwan no so. Mframa no bɔ nnipa nso kɔ, ma akunkum ebinom mpo. Ahum biako a ekum ɔbea bi mmirikatu duu bɛyɛ kilomita 323 wɔ dɔnhwerew biako mu—wɔka sɛ ɛbɛyɛ saa efisɛ ahum koro no ara bɔɔ afiri a wɔde susuw mframa no mmirikatu kɔe!