“Akyɛde a Ɛfata Obiara”
Saa na ɔbarima bia wadi mfe 82 a ɔwɔ Switzerland kyerɛw faa nhoma Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn ho. Saa nhoma yi a wodii kan tintimii wɔ 1991 mu no, ka Yesu asase so asetra ho asɛm sɛnea wɔakyerɛw wɔ Nsɛmpa anan no mu wɔ atiri ahorow 133 no mu no. Dɛn nti na ɔkenkanfo no ani gyei saa?
Ɔkyerɛw sɛ: “Nhoma no akenkan yɛ dɛ. Nsɛm a wɔde kyerɛwee no mu da hɔ na edi mũ bere a nhoma afoforo pii nte saa.” Mfonini a wɔde kɔla fɛfɛ ayɛ bɛboro 200 a “ɛne asetra mu nsɛm hyia pɛpɛɛpɛ” no nso yɛɛ ɔbarima no nwonwa. Ɔde kaa ho sɛ: “Nipadua a wɔde si nsɛm so dua, anim yɛbea, ne kɔla a ano nyɛ den pii no fata yiye.”
Ɔbarima panyin ɔhobrɛasefo no hyɛ nkuran sɛ nkurɔfo mfa nhoma no mma afoforo sɛ akyɛde. Obu saa “ɔkyerɛkyerɛ nhoma a ɛyɛ fɛ yi sɛ . . . akyɛde a ɛfata obiara.” Saa na yɛn nso yebu no.
Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no bi anaa ofie Bible adesua a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower Society, P. O. Box 760, Accra, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.
[Mfonini wɔ kratafa 32]
ONIPA A ƆSEN BIARA A WATRA ASE PƐN