Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 8/8 kr. 23-25
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Nyan!—1996
Nyan!—1996
g96 8/8 kr. 23-25

So Wunim?

(Wubetumi anya nsɛmmisa a wɔde sɔ adwene hwɛ yi ho mmuae wɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔde ama no mu, na wɔatintim mmuae no nyinaa wɔ kratafa 25. Sɛ wopɛ ho nsɛm foforo a, hwɛ “Insight on the Scriptures” nhoma no a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe no mu.)

1. Dɛn ade na mfiase no na Yesu aka akyerɛ n’asuafo sɛ wɔmmfa, na ɔka kyerɛɛ wɔn akyiri yi sɛ wɔmfa? (Luka 9:3; 22:35, 36)

2. Nea ɛnte sɛ mogya no, dɛn na wɔbarae sɛ Israelfo nkutoo nnni? (Leviticus 3:17)

3. Ɛhe na na Gideon wɔ bere a Yehowa bɔfo no too ne mmati so sɛ ɔmmɛyɛ Israel agyenkwa no? (Atemmufo 6:11-14)

4. Adiyifo bɛyɛ 400 mu no, hena na ne nkutoo kaa nokware kyerɛɛ Ɔhene Ahab wɔ ko a na ɔne Siriafo no rekɔko no ho? (1 Ahene 22:13)

5. Mana Hebrifo susukora ahe na wotwa maa Israelni biara da biara da wɔ wɔn mfe 40 sare so akwantu no mu? (Exodus 16:16)

6. Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ Niniwe kurow a na ɛyɛ den no bɛdan dɛn? (Sefania 2:13)

7. Bepɔw bɛn so na Mose wui bere a ɔhwɛɛ Bɔhyɛ Asase no wiei no? (Deuteronomium 32:49, 50)

8. Aboa bɛn na woguare no a ɔsan kɔ ne dontori mu a Petro de Kristofo a wɔsan kɔ wɔn kan abrabɔ mu no totoo ne ho? (2 Petro 2:22)

9. Ɔdan bɛn na wɔka ho asɛm wɔ Bible mu wɔ 1 Beresosɛm, Nehemia, Ester, ne Daniel nhoma no nkutoo mu? (Daniel 8:2)

10. Dɛn na Mmebusɛm 23:27 de aguaman toto ho?

11. Abodin bɛn na Festo de dii dwuma bere a na ɔreka Kaesare Nero ho asɛm no? (Asomafo no Nnwuma 25:21)

12. Ahwɛfo akwantufo baanu bɛn na na wɔka Timoteo ho wɔ Korinto bere a wɔde nkyia ne nkuranhyɛ kɔmaa asafo a na ɛwɔ Tesalonika no? (1 Tesalonikafo 1:1)

13. Dɛn na Yakobo kae sɛ gye sɛ obi yi “ne ho fi wiase nkekae mu” ansa na Onyankopɔn agye atom sɛ “ɛho tew na ɛho nni fĩ”? (Yakobo 1:27)

14. Mpɛn ahe na na ɛsɛ sɛ Israel mmarima nyinaa ‘beyi wɔn ho adi Yehowa anim’ wɔ Yerusalem afe biara? (Deuteronomium 16:16)

15. Dɛn na Yesu dii de kyerɛɛ n’asomafo no sɛ ɛnyɛ honhom bi na wɔahu, wɔ ne wusɔre no akyi? (Luka 24:36-43)

16. Dɛn na Dwom 146:3 ka sɛ ɛnsɛ sɛ woyɛ esiane sɛ nkwagye mfi nnipa nti?

17. Afifide bɛn mu na wɔde abofra Mose siei sɛnea ɛbɛyɛ a Farao renkum no? (Exodus 2:3, NW)

18. Filistifo nyame bɛn na woguu n’anim ase wɔ Yehowa apam adaka kronkron no anim? (1 Samuel 5:2-7)

19. Dɛn na Onyankopɔn frɛ no ne ‘nan ntiaso’? (Asomafo no Nnwuma 7:49)

20. Dua a ɛho yɛ nã a ɛsom bo bɛn na wɔde yɛɛ asɔrefie no ne asanku nyinaa? (1 Ahene 10:12)

21. Misraim farao bɛn na ɔkaa nsɛm a “efi Onyankopɔn anom” kyerɛɛ Ɔhene Yosia nanso wantie ma wokum no? (2 Beresosɛm 35:22)

22. Sɛ ɔbea bi kunu wu a, dɛn ho na ɔde ne ho fi? (Romafo 7:3)

Nsɛmmisa a Wɔde Sɔ Adwene Hwɛ no Ho Mmuae

1. Akwantu bɔtɔwa

2. Srade

3. Ofra

4. Mikaia

5. Omer

6. Amamfõ a ɛso awo kesee

7. Nebo Bepɔw

8. Prako

9. Ahemfie

10. Amoa donkudonku

11. Otumfoɔ

12. Paulo ne Silwano

13. Onyamesom

14. Mprɛnsa

15. Apataa a wɔakyew sin

16. Mfa wo ho nto ahene anaa onipa ba so

17. Demmire

18. Dagon

19. Asase

20. Asamfono

21. Neko

22. Ne mmara

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena