Daakye a Anigye Wom Ma Okyinnsoromma a Ɛne Asase No
“NHWEHWƐMU a wɔayɛ da no adi sɛ Asase so yɛ hyew kɛse seesei sen sɛnea ayɛ wɔ mfe 600 mu,” saa na Toronto Globe and Mail bɔ amanneɛ. Wɔ 1995 no, mframa a emu yɛ hyew a ɛbɔe wɔ United States mfinimfini fam no kunkum nnipa bɛboro 500 wɔ Chicago. Tebea horow a emu yɛ den saa ara too India ne Australia, na “ahohuru bere a emu yɛ wesee sen biara a ɛto so abiɛsa wɔ mfirihyia 200 mu” bae wɔ England.
Dɛn na ɛde eyi bae? Henry Hengeveld, wim tebea ho nimdefo a ɔyɛ adwuma wɔ Canada man no Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia Dwumadibea no, ka sɛ: “Adanse pii kyerɛ sɛ nnipa nneyɛe anya wiase nyinaa wim tebea so nkɛntɛnso.” Sɛnea Globe and Mail amanneɛbɔ kyerɛ no, “wosusuw sɛ kɔmputa ahorow bi ka ho bi na wim tebea asesa ma wiase nyinaa ayɛ hyew, ade a na anka wosusuw sɛ wusiw a wopun nkutoo ne ade a ɛde ba no.”
Nyansahufo da so ara resusuw wiase nyinaa hyew a ayɛ no ho. Nanso, The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Nnipa resɛe wim tebea horow ntɛmntɛm sen sɛnea yebetumi ate ase.”
Nea ɛyɛ anigye no, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ asase de “etim hɔ daa.” (Ɔsɛnkafo 1:4) Eyi te saa efisɛ Ɔbɔadeɛ no, Yehowa Nyankopɔn, remma onipa anaa abɔde foforo biara nsɛe no. Nea ɛne no bɔ abira no, ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’—Adiyisɛm 11:17, 18.
Afei nso, Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa Nyankopɔn asiesie daakye bi a anigye wom ama yɛn okyinnsoromma a ɛne Asase no, ne adesamma asoɔmmerɛwfo nyinaa. “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Hwɛ sɛnea yɛn ani betumi agye sɛ asase no daakye wɔ Onyankopɔn nsam, na ɛnyɛ onipa!—Dwom 37:11; 72:16; Yesaia 65:17-25; 2 Petro 3:13.
Sɛ wopɛ sɛ wunya Nyan! a ɛbɛba akyiri yi no bi a, yɛsrɛ wo hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ anaa kyerɛw address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛbɛn wo pɛɛ.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
NASA photo