Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 11/8 kr. 32
  • “Odwumfo a Ɔsen Biara a Wɔhwehwɛ No”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Odwumfo a Ɔsen Biara a Wɔhwehwɛ No”
  • Nyan!—1996
Nyan!—1996
g96 11/8 kr. 32

“Odwumfo a Ɔsen Biara a Wɔhwehwɛ No”

Ná eyi ne November 8, 1995 Nyan! no asɛmti. Akenkanfo a wɔwɔ wiase nyinaa kyerɛɛ asɛm no ho anisɔ.

Amang kyerɛw fii Douala, Cameroon, bae sɛ: “Nsɛm no nyaa me so tumi kɛse, efisɛ m’ani gye adwinni ho, titiriw mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ. Afei mahu sɛ Odwumfo bi wɔ hɔ a ɔsen Van Gogh, Rembrandt, Da Vinci, ne afoforo—ɛnyɛ obiara sɛ Yehowa Nyankopɔn no ankasa.”

Frederick kyerɛw fii St. Barthélemy a ɛwɔ French West Indies, bɛkae sɛ: “Mekenkan no mpɛn anan, na emu biara no, mede aseda mae wɔ nneɛma a ɛyɛ fɛ a yɛn Bɔfo de ama yɛn no ho.”

Assunta kyerɛw fii Italy sɛ: “Ɛmaa minyaa mfonini yɛ ho akɔnnɔ. Ɛmaa Onyankopɔn wiase foforo no ho anigye a mewɔ yɛɛ kɛse.” Na Irena a ofi Czech Republic, kae sɛ: “Sɛ yɛkɔ tete nneɛma akorae a, yetua sika ansa na yɛakɔhwɛ adwinni, bere a Ɔbɔadeɛ a ɔyɛɛ abɔde mu nneɛma a ɛyɛ fɛ nyinaa no de ma yɛn kwa, da biara da.” Aline kyerɛw fii Brazil sɛ: “Ɛwom sɛ yɛtaa nya nsɛm a ɛboa yɛn ma yenya Yehowa nipasu ho anisɔ de, nanso eyinom kaa me koma. Ɛkaa abɔde ho nsɛm pii a ɛma yenya Yehowa dɔ ho anisɔ kɛse.”

Anne kyerɛw fii Wisconsin, U.S.A. a awɔw wɔ hɔ no bae sɛ: “Ɛboaa me ma minyaa abɔde fɛ a ɛyɛ ho anisɔ ankasa. Ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den sɛ wubehu wɔ awɔw bere mu. Ɛda no ara a mekenkan asɛm no, mekɔɔ abɔnten kohuu ntonsu a ɛwɔ dubaa bi ho, ahaban bi a sukyerɛmma akata so, ne mmoa akwan a ɛdeda nsukyerɛmma no so no. Meda mo ase bio sɛ moakae yɛn sɛnea yebetumi akyerɛ ‘Odwumfo a Ɔsen Biara,’ Yehowa Nyankopɔn, ho anisɔ.”

Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka saa nsɛmma nhoma yi bi daa a, yɛsrɛ wo hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ, anaasɛ kyerɛw address a ɛwɔ kratafa 5 no mu nea ɛbɛn wo sen biara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena