“Mmoa Kɛse Ma Adesamma”
“Moayɛ adesamma mmoa kɛse denam saa nhoma yi a mutintimii no so. Ɛyɛ nwonwa. Nsɛm a wɔaboaboa ano yiye. Ɛfata sɛ wɔkyerɛ ho anisɔ.
“Nea ɛma nhoma no di mũ ne sɛ ɛka nyamesom biara ho asɛm, nanso mode ahwɛyiye dii dwuma na moankasa antia emu biara. Mema mo amo. Moabɔ mmɔden paa.”
Nhoma bɛn na oduruyɛfo a ofi Tiruchchirappalli, India, a ɔkyerɛw krataa yi reka ho asɛm yi? Mankind’s Search for God a ekura nkratafa 384 a wɔaboaboa wiase som atitiriw no fibea ne wɔn nkyerɛkyerɛ ano wom no—Hindusom, Buddhasom, Taosom, Konfusiosom, Shintosom, Yudasom, Kristosom, ne Nkramosom. Atiri a etwa to no kyerɛkyerɛ gye a wonnye nokware Nyankopɔn no ne ne nkyɛn a wɔsan kɔ nni nnɛ mu. Wɔatintim nhoma yi bɛboro ɔpepem 16 wɔ kasa horow 37 mu.
Ná oduruyɛfo no akenkan nea ɔfɛmee. Ná ɔpɛ n’ankasa de. Sɛ wopɛ sɛ w’ankasa hwehwɛ nhoma yi a ɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu no mu a, yɛsrɛ wo hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ, anaasɛ kyerɛw address a ɛwɔ kratafa 5 no mu nea ɛbɛn wo sen biara.