Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 5/8 kr. 32
  • Ɛkanyan No ma Ɔyɛɛ Biribi!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛkanyan No ma Ɔyɛɛ Biribi!
  • Nyan!—1997
Nyan!—1997
g97 5/8 kr. 32

Ɛkanyan No ma Ɔyɛɛ Biribi!

Ɔbarima bi a ofi Caracas, Venezuela ahenkurow, mu no kɔsraa ne papa a ne mfe akɔ anim, Rufino. Ná agya no te La Loma, akuraa bi a ɛwɔ akyirikyiri wɔ ɔman no mu. Rufino babarima no de Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no bi kɔmaa no.

Akyiri yi, Yehowa Adansefo fi Los Humocaros kɔkaa asɛm no wɔ La Loma. Nea ɛyɛɛ wɔn nwonwa no, nkurɔfo kɔɔ so kae sɛ Ɔdansefo bi bɛsra wɔn dedaw. Adansefo no ho dwiriw wɔn efisɛ na wonim sɛ Adansefo biara nte saa beae no. Afei obi kyerɛɛ wɔn Ɔdansefo a wɔreka ne ho asɛm no fie—ná ɛyɛ Rufino fie!

Rufino de anigye hyiaa n’ahɔho no. Dɛn nti na na wɔn a wɔwɔ akuraa no ase no nim no sɛ Yehowa Adansefo no mu biako? Wiɛ, na Rufino afi ase rekenkan Tra Ase Daa nhoma no, na bere a oduu ti 13 no, ohuu mfonini bi a ɛkyerɛ sɛ Yesu resoma n’akyidifo no ma wɔakɔyɛ asɛnka adwuma no. Rufino kae sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ adwuma koro no ara. Enti ofii ase kaa Bible mu nokware no a ɔresua ho asɛm kyerɛɛ ne mpɔtam hɔfo.

Adansefo no ne Rufino fii ase yɛɛ Bible adesua daa, na wɔkaa asafo nhyiam ahorow ho asɛm kyerɛɛ no. Kwasida a edi hɔ no, ɔkɔɔ Ahenni Asa so. Ɛwom sɛ na Rufino adi mfe 80 de, nanso ɔnantew nnɔnhwerew abiɛsa kɔɔ hɔ! Efi saa da no rekɔ no, wanto nhyiam mu da gye sɛ ɔyare paa. Ɔde ne ho hyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu mpo, na ɔmaa ɔkasa dɛdɛ bi. Rufino yaree afe a etwaam no, na owui wɔ July 1996 mu, a na ɔwɔ anidaso pintinn sɛ wobenyan no aba paradise asase so.

Yegye di sɛ sɛ wo nso wokenkan Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no a ekura nkratafa 256 a emu mfonini yɛ fɛ no a, ɛbɛboa wo. Sɛ wopɛ sɛ wunya bi anaa obi ne wo yɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo, kyerɛw Watch Tower, Box 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena