Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 8/8 kr. 16-28
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Nyan!—1997
Nyan!—1997
g97 8/8 kr. 16-28

So Wunim?

(Wubetumi anya nsɛmmisa a wɔde sɔ adwene hwɛ yi ho mmuae wɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔde ama no mu, na wɔatintim mmuae no nyinaa wɔ kratafa 28. Sɛ wopɛ ho nsɛm foforo a, hwɛ “Insight on the Scriptures” nhoma no a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe no mu.)

1. Ɛwom sɛ Yehowa maa n’atamfo kwan ma wodii ne nkurɔfo so nkonim bere a wɔanni nokware no de, nanso dɛn nti na akyiri yi ɔtɔɔ saa aman no so were? (Deuteronomium 32:27; Yesaia 64:2; Nahum 1:2)

2. Edin bɛn na Rahel de maa ne babarima a ɔto so abien no bere a ɔwo wiei a na ɔda hɔ rewu no? (Genesis 35:18)

3. Bere a Paulo de Kristoni honhom fam akode totoo honam fam de ho no, dɛn na ɔde gyidi totoo ho? (Efesofo 6:16)

4. Bere a Dawid guan fii Ɔhene Saulo anim no, ɔhene bɛn na oguan kɔɔ ne nkyɛn? (1 Samuel 27:2)

5. Ɔbonsam de asase so ahenni nyinaa hyɛɛ Yesu bɔ sɛ ɔno nso nyɛ dɛn? (Luka 4:5-7)

6. Dɛn na Pinehas yɛɛ no ntɛm de maa asotwe a ekunkum Israelfo 24,000 no baa awiei? (Numeri 25:7-9)

7. Asɛm bɛn na Hiob ka de kyerɛe sɛ wanya ne ti adidi mu wɔ owu mu a onni hwee? (Hiob 19:20)

8. Dua tuntum bɛn na mpɛn pii no wɔde ka asonse ho de hyehyɛ nneɛma? (Hesekiel 27:15)

9. Dɛn nti na Asiria hene Tiglat-Pileser tow hyɛɛ Siria so, dii Damasko so nkonim, na ɔde nnommum no kɔɔ Kir? (2 Ahene 16:7-9)

10. Bere a Dawid tee sɛ ne babarima a odi kan a ɔne Bat-Seba woo no awu no, dɛn na ɔyɛe a ɛmaa n’asomfo ho dwiriw wɔn? (2 Samuel 12:21)

11. Dɛn na Yesu frɛɛ no “nipadua kanea”? (Mateo 6:22)

12. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kae sɛ obedi Gog anim ma ɔde ne ntua a etwa to aba Onyankopɔn nkurɔfo so? (Hesekiel 38:4)

13. Hena amu na ɔbɔfo panyin Mikael ne Ɔbonsam dii ho akameakame? (Yuda 9)

14. Dua bɛn na Onyankopɔn maa efifi maa odiyifo Yona nyaa onwini wɔ ne Niniwe dwumadi no akyi? (Yona 4:6)

15. Esiane sɛ Ahasweros ani gyei kɛse bere a Ester bɛyɛɛ ne hemmaa nti, dɛn na ɔde kyɛɛ ne mantam mufo no? (Ester 2:18)

16. Hena na wɔhyɛɛ no sɛ ɔmmoa Yesu ma ɔnsoa n’asɛndua no? (Luka 23:26)

17. Yuda aseni bɛn na na onni mmabarima nti, ɔde ne babea maa n’akoa Misraini aware na ama watoa n’anato so no? (1 Beresosɛm 2:34, 35)

18. Ansa na Rahel rewu bere a na ɔrewo no, dɛn na n’awogyefo no maa no ho awerɛhyem? (Genesis 35:17)

19. Nneɛma atitiriw bɛn na wɔde yɛɛ nnuru sraa Ester ne mmea a na wɔka ne ho no? (Ester 2:12)

20. Hena na opagyaw Yuda a wanni nokware a wɔde obi besi n’ananmu ho asɛm no? (Asomafo no Nnwuma 1:15-22)

21. Ná hena ne Isebel papa? (1 Ahene 16:31)

22. Mmarima baanu bɛn na Yehowa ma wɔhwɛɛ ntamadan no si so? (Exodus 31:2, 6)

23. Afotu bɛn na Yesu de mae wɔ ntam a wɔka no basabasa no ho? (Mateo 5:37)

24. Ahaban a ne hua ano yɛ den bɛn na Yesu nkutoo bɔ din wɔ Bible mu? (Mateo 23:23)

Nsɛmmisa a Wɔde Sɔ Adwene Hwɛ no Ho Mmuae

1. Esiane ne din kronkron no nti—sɛ́ ɔbɛbrɛ aman a wɔyɛ ahantan na wɔhoahoa wɔn ho no ase

2. Ben-Oni

3. Ɔkyɛm

4. Ɔhene Akis a ofi Gat

5. ‘Ɔnkotow nsɔre no’

6. Ɔde peaw hwirew ɔbarima no ne ɔbea no nyinaa mu

7. “Me sẽ ho were”

8. Duabo

9. Yuda Hene Ahas maa no adanmude

10. Ogyaee ne mmuada no fii ase didii

11. Aniwa

12. Akɔtɔkorɔ a ɔde bewura n’afono mu

13. Mose amu

14. Adedenkuruma

15. Tow

16. Simon a ofi Kirene

17. Sesan

18. Sɛ ne ba no benya nkwa

19. Kurobow ne nnuhuam

20. Petro

21. Sidonfo hene Etbaal

22. Besaleel ne Oholiab

23. ‘Momma mo asɛm nyɛ yiw, yiw, dabi, dabi!”

24. Ɛme

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena