Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 8/8 kr. 32
  • “Wɔn Ani Gyei Kɛse Te sɛ Mmofra”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Wɔn Ani Gyei Kɛse Te sɛ Mmofra”
  • Nyan!—1997
Nyan!—1997
g97 8/8 kr. 32

“Wɔn Ani Gyei Kɛse Te sɛ Mmofra”

Saa na Sergei a wadi mfe 32 a ɔwɔ mma baasa no kyerɛkyerɛɛ nea ne namfonom yɛe bere a ɔde nhoma Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? kyerɛɛ wɔn no mu. Sergei, a ɔte Tatarstan wɔ Russia no, ka nea esii no:

“Yɛhwɛɛ mfonini no na yɛkenkanee ɛho asɛm no de fii ase. Yɛbɔɔ nkɔmmɔ a egye adwene wɔ ɛno akyi. Me namfonom nyinaa yɛ agyanom ne ɛnanom a wonnyinyinii pii . . . Yɛn nyinaa kɔ asɔre Easter ne bere a wɔrebɔ nkurɔfo asu no, nanso baabi a yɛn anigye no kodu ara nen.

“Nanso, hwɛ anigye ara a yenya wɔ mo nhoma no ho! Nhoma no nnuraho a wɔayɛ no fɛfɛɛfɛ no twe adwene ntɛm so. Sɛ wufi ase kenkan a, wuntumi nnyae. Wobɛpɛ sɛ woka nea woasua no ho asɛm kyerɛ wo mfɛfo. Bio nso, wunya anisɔ ne abotɔyam bere a woakenkan na woaka ho asɛm no. Awiei koraa no, yɛanya biribi a ɛma anigye, nyansa, na mfaso wɔ so sɛ wɔka ho asɛm.

“Nokware mu no, yɛte beae a wodi honhom fam kɔm. Obiara ka sika, nsɛnnennen, dadwen ahorow, ne amimdi ho asɛm. Eyinom sɛe koma no kɛkɛ. Sɛ wudwennwen ho wie a wuntumi nna ntɛm, na anɔpa nso wompɛ sɛ wosɔre de wo ho kɔhyɛ nnipa haw bebree no mu.”

Ebia wote nka saa ara na wopɛ sɛ wunya nhoma a emu nsɛm yɛ anigye a Yehowa Adansefo a wɔyɛ amanaman ntam ahyehyɛde Bible asuafo a wɔboro ɔpepem anum no tintimii yi bi. Sɛ w’ani begye ho sɛ wubehu ho nsɛm pii anaasɛ wobɛpɛ sɛ obi ba wo nkyɛn ne wo bɛyɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower, Box 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena