Hena Ne Ɔwofo No? Hena Ne Ɔba No?
ADWENE ne nneyɛe ho nimdefo bi a ɔwɔ California, U.S.A., di sɛnea awofo abrɛ wɔn tumi ase wɔ mfe kakra a atwam ni no ho yaw. Ɔkyerɛw sɛ: “Matie nkɔmmɔ pii a akɔ so wɔ awofo ne wɔn mma ntam wɔ m’adwumam a na ɛte sɛ nea mpanyimfo abien na ɛrekasa, na ɛnyɛ abofra ne ne wofo. Nneɛma ho nsɛm a wɔka te sɛ nea wɔyɛ wɔ nnwuma akɛse mu akɔ so wɔ nsɛm pii ho, fi bere a ɛsɛ sɛ wɔda kosi sika dodow a ɛsɛ sɛ wonya kosi fie nnwuma so. Ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den sɛ wubehu nea ɔyɛ ɔwofo ne nea ɔyɛ ɔba.”
Bible de afotu a ɛkari pɛ ma awofo. Ɛbɔ wɔn kɔkɔ wɔ asiane a ɛne sɛ wɔbɛyɛ katee dodo ma ahyɛ wɔn ba no abufuw, na ebia ama abofra no ayɛ bosaa anaa ne koma atu ho. (Kolosefo 3:21) Nanso ɛbɔ awofo kɔkɔ wɔ ade foforo a wɔbɛyɛ atra so nso ho—nneɛma hokwan a wɔbɛma ma aboro so, agyae wɔn tumidi mu. Mmebusɛm 29:15 ka sɛ: “Abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.” Bible bɛ foforo ka sɛ: “Deɛ ɔhoahoa n’akoa firi ne mmofraase no, akyiri yi, ɔbɛyɛ bonniayɛ mpo.” (Mmebusɛm 29:21, NW) Ɛwom sɛ saa kyerɛwsɛm yi fa akoa ho de, nanso nnyinasosɛm a ɛwom no fa mmofra nso ho.
Awofo a wɔde akwankyerɛ ne nteɛso a wɔn mma hia kame wɔn no behu ho amane akyiri yi—abusua a agye nsam. Hwɛ mfaso ara a ɛwɔ so sɛ wɔde Bible afotu bedi dwuma! Ampa, saayɛ gye mmɔdenbɔ, nanso ebetumi de mfaso a ɛtra hɔ daa aba. Bible se: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.”—Mmebusɛm 22:6.