Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 12/8 kr. 13-19
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Nyan!—1997
Nyan!—1997
g97 12/8 kr. 13-19

So Wunim?

(Wubetumi anya nsɛmmisa a wɔde sɔ adwene hwɛ yi ho mmuae wɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔde ama no mu, na wɔatintim mmuae no nyinaa wɔ kratafa 19. Sɛ wopɛ ho nsɛm foforo a, hwɛ “Insight on the Scriptures,” nhoma no a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe no mu.)

1. Bere a Yesu reka akyerɛwfo ne Farisifo no anim no, hena na ɔkae sɛ “mukum no asɔredan ne afɔremuka ntam” no? (Mateo 23:35)

2. Hena ne Benyamin babarima panyin? (Genesis 46:21)

3. Aaron abusua mu sɔfo bɛn na ogyee din sɛ Mmara no kyerɛwfo ne ne kyerɛkyerɛfo? (Nehemia 8:1, 2)

4. Sɛ obi bɛyɛ onyansafo paa a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ wiase ani so? (1 Korintofo 3:18, 19)

5. Dɛn na Yakob mma no de kɔkyerɛɛ no sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yosef awu? (Genesis 37:31, 32)

6. Dɛn na Paulo kae sɛ sikanibere de ba? (1 Timoteo 6:10)

7. Ná ɔsoro teaseɛnam a Hesekiel nyaa ho anisoadehu no “fam” te sɛ dɛn? (Hesekiel 1:22)

8. Edin bɛn na wɔde frɛɛ faka a ahyɛnkafo no suroe sɛ anhwɛ a na wɔn hyɛn no akɔhwe so bere a na wɔde Paulo rekɔ Roma sɛ deduani no? (Asomafo no Nnwuma 27:17)

9. Ná Aaron poma no yɛ dua bɛn? (Numeri 17:8)

10. Ɛhe na Lot yɛɛ ade kodui sɛ ɔde rebɔ n’ahɔho no ho ban afi basabasayɛfo kuw no ho? (Genesis 19:6-8)

11. Kurow bɛn na na wɔfrɛ no “ɔhenkɛse kurow”? (Mateo 5:35)

12. Edin bɛn na wɔde frɛ ɔforote bere kɔkɔɔ? (Mmebusɛm 5:19)

13. Mmoa bɛn na wɔfrɛ wɔn “ɔman” esiane sɛ wɔn asetra wɔ nhyehyɛe a etu mpɔn sen afoforo nti? (Mmebusɛm 30:25)

14. Ná hena ne Yuda yere papa a na ɔyɛ Kanaanni no? (Genesis 38:2)

15. Sɛ afurum nini ne ɔpɔnkɔ bere wo a wɔfrɛ no dɛn? (2 Samuel 18:9)

16. Dɛn na wɔka ho asɛm sɛ ‘Yehowa akyide’? (Mmebusɛm 12:22)

17. Atoro nyame bɛn na wɔka kyerɛɛ Elia sɛ Israelfo 7,000 nnya nnkotow no? (1 Ahene 19:18)

18. Asɛmfua bɛn na wɔde agyina hɔ ama Hebri ne Hela asɛmfua ma Sheol ne Hades nyinaa ama wonhu awufo tebea ani so yiye? (Asomafo no Nnwuma 2:31, King James Version)

19. Hena na odii mfomso susuwii sɛ ɔtreneeni Hana abow nsa? (1 Samuel 1:13)

20. Hena na na ɔwɔ Roma asafo no mu a Paulo frɛɛ no “ɔnokwafo Kristo mu” no? (Romafo 16:10)

21. Ɔsomafo bɛn na wɔkyerɛw nsɛm a ɔkae no pii wɔ Nsɛmpa no mu sen 11 a aka no mu biara? (Mateo 15:15)

22. Dɛn na Paulo kae a amma wɔanhwe no? (Asomafo no Nnwuma 22:25-29)

23. Nnuru abien bɛn na Nikodemo de hyɛɛ Yesu amũ de siee no? (Yohane 19:39)

24. Mmarima akwatafo baahe na Yesu saa wɔn yare maa wɔn mu biako pɛ na ɔsan kɔdaa no ase? (Luka 17:12-19)

25. Ɔyare bɛn na sɛ ɛyɛ obi a, na Mmara no mma kwan sɛ wɔdome no esiane sɛ na ɔrentumi nyi ne ho ano nti? (Leviticus 19:14)

Nsɛmmisa a Wɔde Sɔ Adwene Hwɛ no Ho Mmuae

1. “Barakia ba Sakaria”

2. Bela

3. Esra

4. Ɔkwasea

5. Batakari

6. “Bɔne,” a ‘gyidi kwan a wɔyera’ ka ho

7. “Ahwehwɛbo a ɛyɛ nwonwa”

8. Anhweatan

9. Amandola

10. Ɔde ne mmabea maa wɔn

11. Yerusalem

12. Wansan

13. Ntɛtea

14. Sua

15. Afurumpɔnkɔ

16. Atoro ano

17. Baal

18. Hell

19. Ɔsɔfo panyin Eli

20. Apele

21. Petro

22. Sɛ́ ɔyɛ Romani

23. Kurobow ne pɛprɛ

24. Du

25. Asotiw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena