Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 12/8 kr. 32
  • Odii Adwenem Naayɛ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Odii Adwenem Naayɛ So
  • Nyan!—1997
Nyan!—1997
g97 12/8 kr. 32

Odii Adwenem Naayɛ So

Bere a Yehowa Adansefo hyiaa aberante bi wɔ Caribbean supɔw a ɛne Jamaica so no, na onnye nni koraa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na ogyee kyim sɛ ɛnyɛ honhom na wɔde kyerɛw Bible no. Nanso, ɔde amemenemfe gyee The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no bi. Wɔsan kɔsraa no bere ne bere mu, nanso akyiri yi ɔka kyerɛɛ Adansefo no sɛ wɔmmma hɔ bio kosi sɛ ɔbɛto nsa afrɛ wɔn.

Adansefo no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Asram bi akyi no, ɔfrɛe wɔ telefon so bisaa nsɛm pii. Nanso ɔkɔɔ so gyee ɛho mmuae a Bible de ma no ho kyim.”

Bere bi akyi no, wɔmaa aberante no Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no bi, na wɔne no fii Bible adesua a wɔntotom ase. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔkae sɛ: “Afei na mahu mfaso a ɛwɔ adesua a ɛte sɛɛ so.” Ɔkyerɛɛ nea na ɔresua no ho anigye araa ma ɔkae sɛ wɔne no nsua ade mprenu dapɛn biara. Ankyɛ na ofii ase kɔɔ Kristofo nhyiam ahorow a wantotom.

Nnipa ɔpepem pii akenkan The Bible—God’s Word or Man’s?, asua Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no ma ahyɛ wɔn gyidi den. Sɛ wobɛpɛ sɛ wunya saa nhoma ahorow yi bi anaa obi ne wo yɛ ofie Bible adesua a, yɛsrɛ wo, kyerɛw Watch Tower, Box 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no akyi: Afeha a ɛto so abiɛsa mu nhoma mmobɔwee ne Ester nhoma mmobɔwee a ɛwɔ Hebri kasa mu: Wɔn a wɔn din da Chester Beatty Nhomakorabea a ɛwɔ Dublin so no; Alexander Ɔkɛseɛ ti: Musei Capitolini, Roma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena