Ayamye
Ɛkyerɛ koma pa mu a obi fi yɛ krado sɛ obehyira afoforo denam ne nsam a obue koraa de yɛ wɔn papa no so. Wɔkyerɛ Hebri asɛmfua na·dhivʹ, a wɔkyerɛ ase “ayamye” wɔ Yesaia 32:8 no ase sɛ “ayamyi” ne ‘adɔe’ nso. (Dwom 51:12; Numeri 21:18, NW ase hɔ asɛm) Nea Hela edin asɛm ha·ploʹtes (“ayamye” [2 Korintofo 8:2; 9:11]; ‘adekyɛ’ [Romafo 12:8]; “koma mu” [Efesofo 6:5]) kyerɛ titiriw ne “kronnyɛ.” (2 Korintofo 11:3) Yehowa ankasa yɛ ayamye nhwɛso, Nea ɔma n’abɔde a wotie no ahiade nyinaa “sɛnea ɔpɛ” no. (1 Yohane 5:14; Filipifo 4:19) Ne nkyɛn na akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ fi, a nea ɛka ho ne akyɛde a aniwa nhu te sɛ nyansa.—Yakobo 1:5, 17.
Mose hyɛɛ ne mfɛfo Israelfo nkuran sɛ wɔnna Onyankopɔn su a ɛne ayamye yi adi bere a wɔde ade refɛm mpo no. “Mpirim wo koma, na mmua wo nsa ano nhyɛ wo nua hiani; na bue wo nsam ma no . . . Yi wo yam ma no, na mma ɛnnyɛ wo koma ahi sɛ wobɛma no; . . . enti na merehyɛ wo sɛ, bue wo nsam ma wo nua, wo brɛfo ne wo hiani a ɔwɔ w’asase so.”—Deuteronomium 15:7-11.
Abebusɛm bi ka sɛ: “Ɔkra a ne yam ye [a nea ɛkyerɛ ne ɔkra a ɔkyɛ ade nhyira so] bɛdɔ srade [bedi yiye], na nea ɔma afoforo mee nso bɛmee.” (Mmebusɛm 11:25, NW) Yesu Kristo kaa ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Ɔkae bio sɛ: “Momma, na wɔama mo; susukora pa a wɔamia so na wɔawosow na abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo bio.”—Luka 6:38.
Wɔ Kristofo Asafo no Mu. Ɔsomafo Paulo nso kaa abɛbu mu nokwasɛm yi ho asɛm wɔ ɔkwan foforo so sɛ: “Nea ogu nkyekye mu no betwa nkyekye mu, na nea ogu nhyira so no betwa nhyira so.” Esiane sɛ eyi te saa nti, ɔsomafo no ka sɛ, “sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.” (2 Korintofo 9:6, 7) Paulo toa so denam adwene a ɔtwe si ayamye ho nhwɛso kɛse a Yehowa yɛ a ɛnyɛ sɛ ɔde aba ma ogufo ne abodoo ma sɛ aduan nko, na mmom sie a osiesie Korinto anuanom no nso ma ‘ayamye biara,’ na ama wɔatumi ada ayamye adi akyerɛ afoforo so no so. Paulo kae sɛ ayamye a ɛte saa a wɔda no adi no maa ‘Onyankopɔn nyaa aseda.’—2 Korintofo 9:8-13.
Bere a Paulo rehyɛ ayamye pa koro yi ara ho nkuran no, ɔkyerɛwee Romafo (12:8) sɛ: “Sɛ ade mu kyɛfo a, ma onyi ne yam nyɛ.” Ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo (13:16) sɛ: “Na yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani.” Asafo ahorow a na ɛwɔ Makedonia no yɛɛ ayamye ho nhwɛso a ɛda nsow. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔde anigye fii wɔn hia mu yii “nea ɛboro wɔn ahoɔden so” mpo no kyerɛ sɛ “woyii wɔn ayamye kɛse adi kyerɛe.”—2 Korintofo 8:1-4.
Momma yɛnhyɛ no nsow sɛ kyerɛw nsɛm a ɛfa ayamye ne adekyɛ ho yi ne afoforo a ɛkasa tia boniayɛfo, akwaadwofo, ne anihafo no mmɔ abira. Sɛ nhwɛso no, ɛnsɛ sɛ wɔma onihafo a ɔmfɛtɛw awɔw bere mu no biribiara bere a ɔresrɛ ade wɔ twabere mu no; ɛnsɛ sɛ afoforo da ayamye adi kyerɛ obi a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma. (Mmebusɛm 20:4; 2 Timoteo 3:10) Ná ɛnsɛ sɛ wɔde akunafo ka wɔn a wɔyɛ wɔn mmoa no ho gye sɛ wɔfata. (1 Timoteo 5:9, 10) Ná ɛnyɛ abosonsomfo a ahia wɔn no nti na asafo ahorow a ɛwɔ Galatia, Makedonia, ne Akaia no yi ntoboa, na mmom “ahotefo” a na ahia wɔn no nti.—1 Korintofo 16:1; 2 Korintofo 9:1, 2.