Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 3/8 kr. 18-28
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Nyan!—1998
Nyan!—1998
g98 3/8 kr. 18-28

So Wunim?

(Wubetumi anya nsɛmmisa a wɔde sɔ adwene hwɛ yi ho mmuae wɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔde ama wɔ kratafa 28 no mu. Sɛ wopɛ ho nsɛm foforo a, hwɛ “Insight on the Scriptures” nhoma no a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe no mu.)

1. Hena ne Yehowa tamfo kɛse? (Adiyisɛm 20:2)

2. Ɛwom sɛ “Yehowa” ne sɛnea wɔbɔ Onyankopɔn din wɔ Twi mu a wonim sen biara de, nanso edin bɛn na Hebri nhomanimfo no mu dodow no ara gye tom?

3. Dɛn na Abraham abakan, Ismael, yɛe na ɛma otumi traa sare so? (Genesis 21:20)

4. Onipa bɛn na wankyerɛ obu amma ne papa a ɛma wɔdomee ne babarima? (Genesis 9:22-25)

5. Esiane sɛ na Salomo mpɛ sɛ Sulemni abeawa no kɔ nti, agude bɛn na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma no? (Nnwom mu Dwom 1:11)

6. Beae bɛn na Mose gyina hwɛɛ Bɔhyɛ Asase no, ɛwom sɛ wɔamma wankɔ hɔ bi de? (Deuteronomium 3:27)

7. Dɛn na wɔde tetaree Noa adaka no mu ne ɛho? (Genesis 6:14)

8. Dɛn na Paulo kae sɛ yɛnyɛ mfa “ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika”? (Hebrifo 12:1)

9. Hena na ɔyɛɛ owusɔre anwonwade a edi kan a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ no? (1 Ahene 17:21-23)

10. Dɛn nti na Yesu kae sɛ obi mfa bobesa foforo ngu nhoma nkotoku dedaw mu no? (Marko 2:22)

11. Kyerɛwtohɔ bɛn na yehu wɔ Genesis atiri 6 kosi 9 no mu? (Genesis 6:9)

12. Nea ɛka sika, dwetɛ, ne asonse ho no, mmoa abien bɛn na na Salomo ahyɛn a etu kwan kɔ Tarsis mfensa biara no de ba? (1 Ahene 10:22)

13. Dɛn na ɛbae bere a Ɔhene Rehabeam ne Hadoram a na odi adwuma tow so kɔɔ kusuu fam mmusua a na wɔatew wɔn ho asasesin mu no? (2 Beresosɛm 10:18)

14. Dɛn na Onyankopɔn ka sɛ ɛyɛ ‘n’anan ntiaso’? (Asomafo no Nnwuma 7:49)

15. Hena na ɔbɛyɛɛ ayisaa bere a ne maame rewo no a ɔtee sɛ wɔakum ne kunu a owui no? (1 Samuel 4:19-21)

16. Dɛn na sɛ nkurɔfo nni bi a Onyankopɔn ma wɔn ‘ahoɔden a ɛdɔɔso’? (Yesaia 40:29)

17. Dɛn na na sɛ wɔde rekɔma Onyankopɔn a, wontumi mfa mmɔkaw biara anaa “ɛwo” nka ho? (Leviticus 2:11)

18. Dɛn na Mika hyɛɛ nkɔm sɛ aman no rensua bio? (Mika 4:3)

19. Yesu kae sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ dɛn? (Yohane 17:17)

20. Ná Yona papa ne hena? (Yona 1:1)

21. Dɛn na Ɔhene Ahasweros de maa amantam a wɔhyɛ n’ase no bere a osii Ester hemmaa a na ɔrehyɛ ho fã no? (Ester 2:18)

22. Dɛn na na wɔyɛ de kyerɛ sɛ Hebrini akoa bi afi ne pɛ mu apaw sɛ ɔremfa ne ho nkodi na mmom ɔbɛkɔ so asom ne wura? (Exodus 21:5, 6)

23. Ɛhe na Samariani mmɔborohunufo no de ɔbarima a na wɔapira no kɔe na ama wɔatumi ahwɛ no? (Luka 10:34)

Nsɛmmisa no Ho Mmuae

1. Satan Ɔbonsam

2. Yahwe

3. Ɔbɛmmatofo

4. Ham

5. “Sika nnwinne kona” ne “dwetɛ nkoropɛe a esisi so”

6. Pisga so

7. Mannɔ

8. “Yɛntow adesoa biara adesoa ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no ngu”

9. Elia

10. Nkotoku no bɛpaapae, na wɔahwere bobesa ne nkotoku no nyinaa

11. Noa ho abakɔsɛm

12. Nkyeneboa ne koohaa

13. Wosiw Hadoram abo kum no, na Rehabeam de, oguanee

14. Asase

15. Ikabod

16. Tumi

17. Aduan afɔre

18. Akodi

19. Nokware

20. Amitai

21. Tow

22. Ná wɔde fitii fiti n’asom

23. Ahɔhodan

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena