April 11, 1998—Ɛda a Ɛsɛ sɛ Wɔkae
Anwummere ansa na Yesu rewu no, ɔde abodoo a mmɔkaw nnim ne nsa kuruwa maa n’asomafo no sɛ wonni na wɔnnom. Ɔka kyerɛɛ wɔn nso sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.”—Luka 22:19.
Afe yi, yɛbɛhyɛ saa fã yi Memeneda, April 11, bere a owia akɔtɔ. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa behyiam saa anadwo titiriw yi adi Nkae yi sɛnea Yesu hyɛe no. Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ bɛka yɛn ho na bɛhwɛ bi. Yɛsrɛ sɛ hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ na wɔnkyerɛ wo bere ne beae pɔtee a wobehyiam no.