So Wunim?
(Wubetumi anya nsɛmmisa a wɔde sɔ adwene hwɛ yi ho mmuae wɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔde ama wɔ kratafa 17 no mu. Sɛ wopɛ ho nsɛm foforo a, hwɛ “Insight on the Scriptures” nhoma no a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe no mu.)
1. Esiane Yesu afɔrebɔ no nti, Yohane Suboni kaa Yesu ho asɛm sɛ ɔyɛ dɛn? (Yohane 1:29)
2. “Benkum fam nohɔ” asase bɛn na Gog asraafo dɔm no fi ba? (Hesekiel 38:2, 15)
3. Dɛn ade na “fekubɔne” sɛe? (1 Korintofo 15:33, NW)
4. Dɛn nti na nnipa a wɔanyin ‘nkatede kokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho’? (Hebrifo 5:14)
5. Bere a na Absalom ne Adonia repɛ ahenni no, dɛn na wɔyɛe? (2 Samuel 15:1; 1 Ahene 1:5)
6. Sɛnea Paulo kyerɛ no, dɛn ade na entumi nka nkyerɛ nsa sɛ: “Wo ho nhia me”? (1 Korintofo 12:21)
7. Ná hena ne Yosua papa? (Yosua 1:1)
8. Mika hyɛɛ nkɔm sɛ nna a edi akyiri no mu no, ‘Yehowa fi bepɔw no betim’ he? (Mika 4:1)
9. Ɛhe na wosiw Akan ne ne fifo abo kum wɔn? (Yosua 7:24)
10. Bere a Paulo resi hia a gyidi ho hia so dua no, dɛn na ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ obi gye di wɔ Onyankopɔn ho? (Hebrifo 11:6)
11. Ná hena ne Kain banana? (Genesis 4:18)
12. Abusua bɛn mu na na Ɔhene Saul fi? (1 Samuel 9:21)
13. Odiyifo bɛn na Onyankopɔn nam ne so de asotwe ahorow abiɛsa maa Dawid sɛ ɔmpaw mu biako bere a ofi animtiaabu mu kan nnipa no? (1 Beresosɛm 21:9-12)
14. Henanom na wɔne Babilon Kɛse abɔ aguaman? (Adiyisɛm 17:2)
15. Ɔsram bɛn na Yehowa de dii kan wɔ Yudafo kalenda kronkron no so? (Ester 3:7)
16. Hena na odii nkabom a ahene a wɔko faa Abraham wɔfaase Lot yɛe no anim? (Genesis 14:9)
17. Ntade abien bɛn na wɔbɔɔ din a ɛmaa Ahasia hui sɛ Elia na ɔde nkra bae sɛ ɔhene no yare no bɛkɔ akowie ne wu mu? (2 Ahene 1:8)
18. Adwuma bɛn na Sulamit abeawa no nua mmarima de maa no a ɛmaa ne honam ani birii? (Nnwom mu Dwom 1:6)
19. Onyankopɔn din no nkyerɛwee bɛn na nhomanimfo pii gye tom?
20. Edin bɛn na wɔde maa Ɔhene Kofo, Yesu, a wɔkyerɛw guu ne ntade ano? (Adiyisɛm 19:16)
Nsɛmmisa no Ho Mmuae
1. “Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ”
2. Magog
3. “Ɔbra pa”
4. “Anem nti”
5. Na wɔn mu biara wɔ teaseɛnam ne nnipa 50 a wobetu n’anim mmirika
6. Aniwa
7. Nun
8. “Mmepɔw atifi”
9. Akor bon mu
10. “Sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo”
11. Irad
12. Benyamin abusua
13. Gad
14. “Wiase ahene”
15. Nisan
16. Elam hene Kedorlaomer
17. Nhwi atade ne nhoma abɔso
18. Bobe nturo wɛmfo
19. Yahwe
20. “Ahene mu hene ne awuranom mu awurade”