Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 12/13 kr. 8-9
  • Brazil Nsrahwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Brazil Nsrahwɛ
  • Nyan!—2013
Nyan!—2013
g 12/13 kr. 8-9

NSASE NE NNIPA

Brazil Nsrahwɛ

Aduan dɛdɛ a wɔfrɛ no feijoada no yɛ Brazilfo aduan a wɔpɛ paa

Akyenkyena

MFIASE no na abɔmmɔfo ne akuafo na wɔte Brazil. Portugal abɔrehufo na wɔde Roma Katolek som kɔɔ hɔ, na akyiri yi wosisii asɔredan ahorow​—ebi wɔ hɔ a, nnua a wɔasen adi mu adwini fɛfɛɛfɛ de sika kɔkɔɔ adura ho na wɔde asiesie mu.

Efi afeha a ɛto so 16 besi afeha a ɛto so 19 mu hɔ no, wɔde po so hyɛn faa nkoa bɛyɛ ɔpepem anan fii Afrika kɔɔ Brazil kɔyɛɛ kua dwuma. Wɔde wɔn som ne amammerɛ kaa wɔn ho kɔe, na wɔde frafraa Brazilfo amanne mu ma wobenyaa ɔsom ahorow te sɛ macumba ne candomblé fekuw. Sɛ wohwɛ Brazilfo nnwom, asaw, ne wɔn aduan a, wuhu sɛ wɔn mu pii nkyi fi Afrika.

Wosuaa abom a wɔpɛ paa a wɔfrɛ no feijoada, a wɔde mogyanam ne asedua yɛ, na wɔde ɛmo ne nhabamma ka ho no fii Portugalfo hɔ. Wɔ afeha a ɛto so 19 ne 20 no, atubrafo pii fi Europa (titiriw Germany, Italy, Poland, ne Spain), Japan, ne mmeae afoforo bɛkaa wɔn ho.

Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo bɛyɛ 750,000 na wɔwɔ Brazil. Wɔwɔ asafo ahorow bɛboro 11,000 mu. Wɔyɛ Bible adesua bɛboro 800,000. Nea ɛbɛyɛ na wɔanya baabi ahyiam asom no, wɔahyehyɛ adansi akuw 31 a wɔboa Adansefo a wɔwɔ hɔ no ma wosisi anaa wosiesie Ahenni Asa bɛyɛ 250 kosi 300 afe biara. Efi March 2000 besi saa bere yi no, wɔasisi asa a ɛte saa bɛyɛ 3,647.

Asubɔnten Amazon Nsuka no da kwaebirentuw a ɛso sen biara wɔ wiase no mu

SO NÁ WUNIM?

Nsu dodow a efi Amazon Asubɔnten mu ba no dɔɔso sen nea efi asubɔnten biara mu, na etumi tene kɔ akyiri bɛboro kilomita 6,275

ƐHO NOKWASƐM

  • Emu nnipa dodow: 201,000,000

  • Ahenkurow: Brasília

  • Kasa ahorow a wɔka: Portugal kasa ne kasa afoforo bɛboro 180

  • Edin: Wonyaa Brazil din no fii dua a wɔfrɛ no brazilwood (Caesalpinia echinata) mu. Ɛyɛ dua a ɛsom bo kɛse paa esiane emu nsu kɔkɔɔ a wotumi de hyɛ ntama no nti

  • Wim tebea: Atifi fam yɛ hyew na ahohuru wɔ hɔ, anafo fam no dwo, na sɛ edu awɔw bere a sukyerɛmma tɔ wɔ mmepɔw no so

  • Asase: Brazil kɛse bɛyɛ sɛ South America asasepɔn no fã. Asubɔnten a ɛwɔ hɔ no ka nsubɔnten akɛse a ɛwɔ wiase no ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena