Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 53
  • Yefta Bɔhyɛ No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yefta Bɔhyɛ No
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔmaa Ne Papa ne Yehowa Ani Gyei
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Yedi Nokware a, Onyankopɔn Ani Sɔ Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Yefta Bɔhyɛ No
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yefta Dii Bɔ A Ɔhyɛɛ Yehowa No So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 53
Yefta babea no de anigye rebehyia ne papa, na okura mpintin

ASƐM 53

Yefta Bɔhyɛ No

WOAHYƐ bɔ bi pɛn a akyiri yi wuhui sɛ ɛyɛ den sɛ wubedi so? Ɔbarima a ɔwɔ mfonini yi mu no yɛɛ saa, na ɛno nti na ne werɛ ahow yi. Ɔbarima yi yɛ Israel temmufo kokodurufo a wɔfrɛ no Yefta.

Yefta traa ase bere a na Israelfo nsom Yehowa bio. Na wɔreyɛ nneɛma bɔne bio. Enti Yehowa maa Amonfo haw wɔn. Eyi maa Israelfo su frɛɛ Yehowa sɛ: ‘Yɛayɛ wo bɔne. Yɛsrɛ wo, gye yɛn!’

Nkurɔfo no dii awerɛhow wɔ nneɛma bɔne a wɔayɛ no ho. Wɔkyerɛe sɛ wɔanu wɔn ho denam Yehowa a wɔsan som no bio no so. Enti Yehowa boaa wɔn bio.

Nkurɔfo no paw Yefta ma wako atia Amonfo a wonnye koraa no. Yefta pɛe sɛ Yehowa boa no wɔ ɔko no mu. Enti ɔhyɛɛ Yehowa bɔ sɛ: ‘Sɛ woma midi Amonfo so nkonim a, onipa a odi kan a ofi me fie bɛba abehyia me bere a mifi nkonimdi mu resan aba no, mede no bɛma wo.’

Yefta werɛ ahow efisɛ ne babea no nipa a odi kan a ɔrebehyia no

Yehowa tiee Yefta bɔhyɛ no, na ɔboaa no ma odii nkonim. Bere a Yefta san baa fie no, wunim onipa a odii kan behyiaa no? Ɛyɛ ne babea, a ɔyɛ ne ba koro. Yefta teɛɛm sɛ: ‘Ao, me ba. Awerɛhosɛm bɛn na woama ato me yi. Nanso mahyɛ Yehowa bɔ, na mintumi nsakra no.’

Bere a Yefta babea no tee ne bɔhyɛ no, mfiase no ɔno nso ne werɛ howee. Efisɛ na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ofi n’agya ne ne nnamfonom nkyɛn. Nanso na ɔde ne nkwa nna a aka nyinaa bɛsom Yehowa wɔ ne ntamadan mu wɔ Silo. Enti ɔka kyerɛɛ n’agya sɛ: ‘Sɛ woahyɛ Yehowa bɔ a, ɛsɛ sɛ wudi so.’

Enti Yefta babea no kɔɔ Silo, na ɔde ne nkwa nna a aka nyinaa som Yehowa wɔ ne ntamadan mu. Nnannan wɔ afe biara mu no Israelfo mmea kɔsra no wɔ hɔ, na wɔn nyinaa ani gye. Nkurɔfo ani gyee Yefta babea no ho kɛse efisɛ na ɔyɛ Yehowa somfo pa.

Atemmufo 10:6-18; 11:1-40.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena