Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 74
  • Ɔbarima a Ɔnyɛ Ohufo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔbarima a Ɔnyɛ Ohufo
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yeremia Annyae Yehowa Ho Asɛm Ka
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Odiyifo A Ɔsomee Wɔ “Awiei Nna No Mu”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • Yehowa Somaa Yeremia Sɛ Ɔnkɔka Asɛm
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Mede Me Nsɛm Ahyɛ W’anom”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 74
Odiyifo Yeremia rebɔ Israelfo no kɔkɔ. Wutumi hu sɛ onsuro wɔn, nanso wɔreserew no

ASƐM 74

Ɔbarima a Ɔnyɛ Ohufo

HWƐ sɛ nkurɔfo no redi aberante no ho fɛw. Wunim nipa ko? Ɛyɛ Yeremia. Ɔyɛ Onyankopɔn diyifo titiriw.

Bere a Ɔhene Yosia fii ase sɛ ɔrebubu ahoni a ɛwɔ asase no so no akyi bere tiaa bi no, Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnyɛ Ne diyifo. Nanso Yeremia susuwii sɛ osua dodo sɛ ɔbɛyɛ odiyifo. Nanso Yehowa kae sɛ ɔbɛboa no.

Yeremia ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wonnyae nnebɔne yɛ. Ɔkae sɛ: ‘Anyame a amanaman no som wɔn no yɛ atoro.’ Nanso Israelfo no pii pɛe sɛ wɔsom ahoni mmom sen sɛ wɔbɛsom Yehowa, nokware Nyankopɔn no. Bere a Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ Onyankopɔn bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho no, wɔserew no ara kwa.

Mfe pii twaam. Yosia wui, na asram abiɛsa akyi no ne ba Yehoiakim bedii hene. Yeremia kɔɔ so ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: ‘Sɛ moannyae mo nnebɔne no a wɔbɛsɛe Yerusalem.’ Asɔfo no soo Yeremia mu teɛteɛɛm kae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ wokum wo wɔ nsɛm a wokeka yi ho.’ Afei wɔka kyerɛɛ Israel abirɛmpɔn sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ wokum Yeremia, efisɛ wakasa atia yɛn kurow no.’

Dɛn na Yeremia bɛyɛ afei? Onsuro! Ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: ‘Yehowa na ɔsomaa me sɛ menka eyi nkyerɛ mo. Sɛ moansakra mo nneyɛe bɔne no a, Yehowa bɛsɛe Yerusalem. Nanso munhu eyi: Sɛ mukum me a, na moakum obi a ɔnyɛɛ bɔne.’

Abirɛmpɔn no ankum Yeremia, nanso Israelfo no ansakra wɔn nneyɛe bɔne no. Akyiri yi Babilon hene Nebukadnesar ne Yerusalem bɛkoe. Awiei no Nebukadnesar de Israelfo yɛɛ ne nkoa. Ɔde wɔn mu mpempem pii kɔɔ Babilon. Wo de hwɛ awerɛhow a ɛbɛyɛ sɛ ahɔho bɛba abɛtwe wo afi wo kurom de wo akɔ asase foforo bi so!

Yeremia 1:1-8; 10:1-5; 26:1-16; 2 Ahene 24:1-17.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena