Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 107
  • Wosiw Stefano Abo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wosiw Stefano Abo
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Stefano—“Adom Ne Tumi Ayɛ No Ma”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Monnantew Yehowa Suro Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 107
Mmarima bi a wɔn bo afuw resiw Stefano abo, na Stefano rebɔ mpae

ASƐM 107

Wosiw Stefano Abo

ƆBARIMA a ɔkotow ha no yɛ Stefano. Ɔyɛ Yesu suani nokwafo. Nanso hwɛ nea afei wɔreyɛ no! Mmarima yi retotow abo akɛse abɔ no. Dɛn nti na wɔtan Stefano araa ma wɔreyɛ no ade bɔne a ɛte saa? Ma yɛnhwɛ.

Ná Onyankopɔn boa Stefano ma ɔyɛ anwonwade akɛse. Na mmarima yi mpɛ saa, enti wɔne no gyee nokware a ɔde kyerɛkyerɛ nkurɔfo no ho akyinnye. Nanso Onyankopɔn maa Stefano nyansa kɛse, na Stefano ma ɛdaa adi sɛ mmarima yi kyerɛkyerɛ atosɛm. Eyi maa wɔn bo fuwii kɛse. Enti wosoo no mu, na wɔmaa nkurɔfo bɛkekaa ne ho nsɛm a ɛnyɛ nokware.

Ɔsɔfo panyin no bisaa Stefano sɛ: ‘Nea wɔka yi yɛ nokware?’ Stefano de Bible mu ɔkasa fɛfɛ maa mmuae. Awiei no ɔkyerɛɛ sɛnea nnipa bɔne taa Yehowa adiyifo tete hɔ. Na ɔkae sɛ: ‘Mote sɛ saa nnipa no ara. Mukum Onyankopɔn somfo Yesu, na munni Onyankopɔn mmara so.’

Eyi maa nyamesom mpanyimfo no bo fuwii kɛse! Wɔde abufuw twɛree wɔn se guu no so. Afei Stefano maa ne ti so, na ɔkae sɛ: ‘Hwɛ, mihu Yesu sɛ ogyina Onyankopɔn nifa wɔ soro.’ Ɛnna mmarima yi de wɔn nsa sisiw wɔn asõ tow hyɛɛ Stefano so. Wosoo no mu twee no kɔɔ kurow no fasu akyi.

Ɛha no woyiyii wɔn ntade nguguso de maa aberante Saul kurae. Wuhu Saul? Afei ebinom fii ase siw Stefano abo. Stefano kotowee, sɛnea wuhu yi, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: ‘Yehowa, ntwe wɔn asõ wɔ ade bɔne a wɔreyɛ yi ho.’ Ná onim sɛ nyamesom mpanyimfo no adaadaa ebinom. Eyi akyi no Stefano wui.

Sɛ obi yɛ wo bɔne a, so wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ no bi, anaa so woka sɛ Onyankopɔn ntua no ka? Ɛnyɛ saa na Stefano anaa Yesu yɛe. Woyii ayamye adi mpo kyerɛɛ nnipa a wɔyɛɛ wɔn bɔne. Momma yɛmmɔ mmɔden nsuasua wɔn.

Asomafo Nnwuma 6:8-15; 7:1-60.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena