Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 110
  • Timoteo—Paulo Boafo Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Timoteo—Paulo Boafo Foforo
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Timoteo—Ná Wasiesie Ne Ho, na na Ɔwɔ Ɔpɛ sɛ Ɔsom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • “Me Ba Dɔfo ne Ɔnokwafoɔ Awurade Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Paul Ne Timoteo
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Timoteo—‘Gyidi Mu Ɔba Nokwafo’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 110
Paulo ne Timoteo

ASƐM 110

Timoteo—Paulo Boafo Foforo

ABERANTE a wuhu ɔne ɔsomafo Paulo wɔ ha no yɛ Timoteo. Na Timoteo ne n’awofo wɔ Listra. Wɔfrɛ ne maame Eunike ne ne nana Lois.

Ná eyi ne nea ɛto so abiɛsa a Paulo abɛsra Listra. Bɛyɛ afe anaa nea ɛte saa a atwam no, Paulo ne Barnaba dii kan baa ha bɛkaa asɛm. Na afei na Paulo ne n’adamfo Silas asan aba ha.

Wunim asɛm a Paulo reka akyerɛ Timoteo? Ɔrebisa no sɛ: ‘Wobɛpɛ sɛ woka me ne Silas ho? Wubetumi aboa ma yɛaka asɛm akyerɛ nnipa a wɔwɔ akyirikyiri.’

Timoteo buae sɛ: ‘Yiw, m’ani begye ho.’ Enti bere tiaa bi akyi no Timoteo fii n’awofo nkyɛn na ɔne Paulo ne Silas kɔe. Nanso ansa na yɛbɛka wɔn akwantu no mu nsɛm no, ma yɛnhwɛ nea na aba Paulo so besi saa bere yi. Ná bɛyɛ mfe 17 atwam fi bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ Damasko kwan so no.

Kae sɛ Paulo baa Damasko sɛ ɔbɛhaw Yesu asuafo, nanso afei de ɔno ankasa abɛyɛ osuani! Akyiri yi atamfo bi yɛe sɛ wobekum Paulo efisɛ na wɔmpɛ Yesu ho asɛm a ɔka no. Nanso asuafo no boaa Paulo ma oguanee. Wɔde no too kɛntɛn mu de no faa fasu no so gyaagyaa no sii fam.

Eyi akyi no Paulo kɔkaa asɛm wɔ Antiokia. Ɛha na wodii kan frɛɛ Yesu asuafo Kristofo. Afei wɔmaa Paulo ne Barnaba fii Antiokia kɔkaa asɛm wɔ akyirikyiri nsase so. Nkurow a wɔkɔɔ so no biako ne Listra, Timoteo kurom.

Na, bɛyɛ afe akyi no, Paulo san baa Listra wɔ akwantu a ɛto so abien mu. Bere a Timoteo ne Paulo ne Silas kɔe no, wunim faako a wɔkɔe? Hwɛ asase mfonini no na ma yɛnhwehwɛ mmeae horow no binom.

Map anaa asase ho mfoni a ɛma yehu mmeae a Paulo ne Timoteo tutuu akwan kɔe

Wodii kan kɔɔ Ikonion a ɛbɛn hɔ, na afei wɔkɔɔ Antiokia. Ɛno akyi no wɔkɔɔ Troa, ne afei Filipi, Tesalonika ne Beroia. Wuhu Atene wɔ asase mfonini no mu? Paulo kaa asɛm wɔ hɔ. Ɛno akyi no wɔde afe ne fã kaa asɛm no wɔ Korinto. Afei wogyinae kakra wɔ Efeso. Wɔfaa hyɛn san baa Kaesarea, na wɔkɔɔ Antiokia, faako a na Paulo taa tra.

Enti Timoteo twaa akwansin ɔhaha pii boaa Paulo wɔ “asɛmpa” no ka mu, na wofii Kristofo asafo horow pii ase. Sɛ wunyin a, so wobɛyɛ Onyankopɔn somfo nokwafo te sɛ Timoteo?

Asomafo Nnwuma 9:19-30; 11:19-26; ti 13 kosi 17; 18:1-22.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena