Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!
Wɔatintim nhomawa yi na aboa wo ma woahu onii a ɔyɛɛ asase ne nneɛma a ɛwɔ so nyinaa. Wubehu sɛ Onyankopɔn a ɔyɛɛ asase no wɔ din. Nhomawa yi mu no yɛbɛkyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn yɛɛ onipa ne ɔkwan a wubetumi afa so anya nkwa wɔ asase so daa no nso mu.
Yɛwɔ anidaso sɛ mfonini ahorow pii no bɛboa wo ma woayɛ saa nneɛma yi ho mfonini yiye wɔ w’adwene mu. Sɛnea ɛbɛyɛ na woanya ho mfaso kɛse no, ɛsɛ sɛ wokenkan Bible mu nsɛm a ɛhyehyɛ mfonini ahorow no pii nkyɛn no. Saa kwan yi so no, wo ankasa wubetumi akenkan Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow fɛfɛ a ɛwɔ Bible mu no binom ne nea Onyankopɔn se ɛsɛ sɛ woyɛ na woanya bɔhyɛ ahorow yi mmamu ho mfaso no.
Ebia wobɛpɛ sɛ wode nhomawa yi nso boa nnipa afoforo. Sɛ wowɔ mma a, wubetumi de aboa wɔn ma wɔasua Onyankopɔn ho ade. Sɛ wote ɔman a mpanyimfo pii nnim akenkan mu a, wubetumi de mfonini ahorow no aboa wɔn ma wɔate Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ase, na wɔn nso atumi aboa wɔn nnamfo.
Yɛwɔ awerɛhyem sɛ saa nsɛm yi a wubesua no bebue kwan ama wo ma woanya nhyira pii, na ama woatumi akyerɛ afoforo ɔkwan a wɔbɛfa so atra ase daa wɔ asase so ha.